Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/00 kr. 1
  • ‘Yentumi Nnyae Ka’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Yentumi Nnyae Ka’
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Asɛm A Wɔde Nnam Ka
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no Akokoduru So
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Kɔ So Ka Onyankopɔn Asɛm no a Wunnsuro
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2000
km 7/00 kr. 1

‘Yentumi Nnyae Ka’

1 Yesu Kristo rekyerɛ asɛnka adwuma no kwan denneennen. (Mat. 28:20; Marko 13:10) Ɛwom sɛ aka kakraa bi na adawurubɔfo a wɔyɛ nnam a wɔredi adanse wɔ aman 234 so no dodow adu ɔpepem asia de, nanso, ɛnsɛ sɛ yɛka sɛ yɛawie adansedi adwuma no. Ɛnkosi sɛ Onyankopɔn bɛka sɛ eye no, ‘yentumi nnyae’ nea yɛasua no ho asɛm ‘ka.’—Aso. 4:20.

2 Nya Nyankopɔn Honhom Mu Ahotoso: Satan de nhyɛso kɛse ba yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn abam bebu. (Adi. 12:17) Yɛn nipadua a ɛtɔ sin nso ma yehyia nsɛnnennen pii. Nneɛma a ɛtete saa no betumi agye yɛn asabawmu wɔ asɛnka adwuma a ɛho hia no ho. Nanso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔde ne honhom no bɛboa yɛn ma yɛatumi agyina ɔhaw biara ano.

3 Bere a wɔde ɔtaa a emu yɛ den baa afeha a edi kan Kristofo asafo no so no, wɔbɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmoa wɔn mma wɔmfa akokoduru nka asɛm no. Yehowa tiee wɔn mpaebɔ, na ɔde ne honhom no hyɛɛ wɔn den ma wɔde nsi ne nnamyɛ kaa asɛm no. Ɛno nti, wɔde akokoduru kaa asɛmpa no daa.—Aso. 4:29, 31; 5:42.

4 Mma Abasamtusɛm a Wɔka no Mmmɔ Wo Hu: Nsɛm a wɔkeka anaa atosɛm a wɔbɔ ho dawuru betumi ama yɛabɔ hu. Nanso kae akokoduru a Petro ne asomafo afoforo no de kasa kyerɛɛ Sanhedrin no a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma 5:29-32 no. Sɛnea Gamaliel a na ɔyɛ Mmarakyerɛfo no kae no, obiara ntumi nsɛe Onyankopɔn adwuma. Ennyina yɛn ahoɔden so. Onyankopɔn na ɔtaa adwuma kɛse yi akyi, na ɔno nkutoo na obetumi ama yɛayɛ!—Sak. 4:6.

5 Momma yɛmmɔ Yehowa mpae daa na ɔmfa ne honhom no mmoa yɛn mma yɛmmɔ asɛmpa no ho dawuru akokoduru so. Te sɛ Yeremia no, momma yɛnka sɛ Ahenni ho asɛmpa no te sɛ ogya a ɛredɛw wɔ yɛn nnompe mu. (Yer. 20:9) Yentumi nka yɛn ano ntom!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena