“Momma Ne Nyinaa Nyɛ Nea Ɛma Nkɔso”
1 Wɔ yɛne yɛn nuanom nsɛnnii mu no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛbɛma wɔanya nkɔso. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛma wɔn honhom fam nkɔso ho hia yɛn. Sɛ yɛyɛ nnwuma bi a ɛfa aguade a yɛtɔn anaa nnwuma afoforo ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ biribi a ɛbɛto yɛn nuanom hintidua.—2 Kor. 6:3; Fil. 1:9, 10.
2 Ebinom de wɔn ho ahyɛ nnwuma ahorow mu, na wɔhwehwɛ sɛ wɔn mfɛfo Kristofo na ɛbɛtɔ wɔn nneɛma no. Ahyehyɛde binom a wɔtɔn nneɛma hyɛ wɔn adetɔnfo no nkuran sɛ wommu obiara a wɔne no hyia sɛ obi a obetumi ayɛ ɔdetɔfo—a wɔn a wɔne wɔn kɔ asɔre nso ka ho. Anuanom binom ne Adansefo pii ahyiam a atirimpɔw no ne sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn bom yɛ adwuma bi. Afoforo de wɔn nnwuma ho nhoma, nhomawa, nsɛm a ɛwɔ intanɛt so, anaa kasɛt ma wɔn mfɛfo gyidifo kwa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma wɔn nnwuma no anya nkɔso. So ɛfata sɛ Kristoni bi bɛfa teokrase fekubɔ so de apɛ ne honhom fam anuanom no ho mfaso? Dabi!—1 Kor. 10:23, 24, 31-33.
3 Ɛsɛ sɛ Anuanom Yɛ Ahwɛyiye: Eyi nkyerɛ sɛ Kristoni ntumi ne ne nua nyɛ adwuma. Ɛno yɛ ankorankoro gyinaesi. Nanso, ebinom hyehyɛ nnwuma a ɛhyɛ adifudepɛ ho nkuran, na wɔdaadaa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔbɛka wɔn ho anaa wɔde wɔn sika behyem. Nnwuma yi pii gu, na ɛka kɛse bɛtɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no so. Ɛwom sɛ adwene a ɛma afoforo de wɔn ho kɔhyɛ adwuma no mu ne sɛ wobenya mfaso pii de, nanso sɛ adwuma no gu a, ɛnsɛ sɛ nea ofii ase no susuw sɛ ɔbɛfa ne ho adi. Ɛsɛ sɛ odi kan susuw sɛnea ɛbɛka ne nuanom honhom ne honam fam yiyedi bere a adwuma no adi huammɔ no ho. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde teokrase dwumadi ahyehyɛ wɔn nsa no hwɛ yiye paa wɔ wɔn honam fam nnwuma ho, efisɛ afoforo betumi anya obu ne ahotoso pii ama wɔn. Ɛnsɛ sɛ wɔma asɛm ba obu a wɔwɔ ma wɔn no ho. Sɛ onua bi hwere obu a afoforo wɔ ma no no a, wobetumi agye ɔsom kronn hokwan a ɔwɔ no afi ne nsam.
4 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ ‘yɛbɛma biribiara a yɛyɛ no ayɛ nea ɛma nkɔso.’ (1 Kor. 14:26) Ɛsɛ sɛ yɛkwati biribiara a ɛfa aguadi ho anaa ɛhyɛ ho nkuran wɔ asafo no mu. Nneɛma a ɛtete saa no ne Kyerɛwnsɛm mu ahyɛde a ɛne sɛ yenhyiam no nni twaka biara.—Heb. 10:24, 25.