Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma July ne August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Sɛ ɛho behia a, wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Sɛ wokɔsra obi na ɔkyerɛ anigye a, wubetumi ama no akra nsɛmma nhoma a wɔkra no afe fã no bi.
◼ Efi September mu no, amansin so ahwɛfo kasa a wɔbɛma no asɛmti ne, “Adesamma Nniso—Wɔakari Ahwɛ.”
◼ Sɛ wopɛ sɛ wode sika mena wɔn a asiane ato wɔn no a, wubetumi de afa Asafo ti no so, faako a wɔwɔ atirimpɔw a ɛte saa ho foto no. Address no ne: Watch Tower, Box GP 760, Accra, Ghana.
◼ Nhoma Foforo a Aba:
Nea Yɛbɛyɛ Biara Yɛ Yɛn Nkrabea? Anaasɛ Yebebu Akontaa Akyerɛ Onyankopɔn? (Kratawa a Ɛto so 71)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
Hellgya—So Ɛka Onyankopɔn Atɛntrenee Ho? (Kratawa a Ɛto so 74)—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba Bio:
The Guidance of God—Our Way to Paradise (Nhomawa a Wɔayɛ Ama Nkramofo)—Engiresi