Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase July10
  • Dapɛn a Efi Ase July 17
  • Dapɛn a Efi Ase July 24
  • Dapɛn a Efi Ase July 31
  • Dapɛn a Efi Ase August 7
Yɛn Ahenni Som—2000
km 7/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase July10

Dwom 7

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw. Ka ɔman no ne mo asafo no March asɛnka akontaabu ho asɛm. Twe adwene si adaka, “Hwɛ Akyi Nsɛm No,” so na kyerɛ asɛm a wɔka kyerɛ biako a mubetumi de adi dwuma yiye wɔ mo asasesin mu. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” ho asɛm. Kyerɛ bere a mobɛyɛ nhyiam titiriw no.

15 min: “Yentumi Nnyae Ka.” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so. Kyerɛ nea enti a yebu asɛnka adwuma no aniberesɛm no. Fa January 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 23-4 no mu nsɛntitiriw ka ho.

15 min: “Momma Ne Nyinaa Nyɛ Nea Ɛma Nkɔso.” Mpanyimfo baanu susuw asɛm no ho. Kenkan nkyekyem biara ne kyerɛw nsɛm a ɛwom no. Si ntease a ɛwom no so dua. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛda nhumu adi bere a yɛde yɛn ho rehyɛ adwuma anaa sikasɛm mu no. Munsusuw afotu a wɔde ama wɔ March 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-19, 22 no ho.

Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 17

Dwom 23

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi de Divine Name nhomawa no adi dwuma de aboa anigyefo ma wɔahu Onyankopɔn din ankasa na wɔaka ho asɛm akyerɛ afoforo no mu tiawa.—Hwɛ Reasoning nhoma no, nkratafa 196-7.

10 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wuyi Bi Ma Yehowa?” Ɔkasa a egyina November 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 28-30 so. Kyerɛkyerɛ ntease anan nti a yeyi bi ma mu.

20 min: Hena na Ɛsɛ sɛ Ɔyɛ Wo Nhwɛsofo? Agya bi ne ne ba anaa ne mma baanu a wonnya nnii mfe aduonu yɛ wɔn abusua adesua. Wahu sɛ nnansa yi, wɔtaa bɔ agumadi mu dɔmmarima, sini mu nnipa, TV so nnipa, ne nnwontofo, ho nkɔmmɔ. Ɛho asɛm haw no efisɛ su a ɛte saa no da wiase honhom adi. Wosusuw June 8, 1998, Nyan!, nkratafa 23-25 ho. Mmofra no gye tom sɛ asiane wɔ nnipa a wɔwɔ wiase a wɔbɛhoahoa wɔn no mu na wohu sɛ wɔn a wɔagye din wɔ wiase no ntumi mfa mmoa biara mma Kristofo. Wosusuw mfaso a ɛwom sɛ wɔde awofo, mpanyimfo, ne asafo no mufo foforo a wɔyɛ nhwɛso pa—ne Yesu Kristo mpo—bɛyɛ wɔn nhwɛsofo no ho.

Dwom 34 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 24

Dwom 45

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: Yɛn Ho a Yebeyi Akyerɛ sɛ Onyankopɔn Asomfo. Asafo mu asomfo baanu susuw Kyerɛwnsɛm mu afotu a wɔde ama wɔ December 15, 1998, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 19-20 no ho. Wɔkyerɛ hokwan a ɛfata a wɔanya sɛ asomfo no ho anisɔ na wosusuw nea wɔn ankasa betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔredi nea wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma ho. Wohu sɛnea ehia sɛ wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no mu kɛse, na wosusuw sɛnea wobetumi ayɛ mmoa ama mpanyimfo no denam afoforo a wɔbɛboa wɔn so no ho. Wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa de boa asafo no mufo ma wohu ntɛmpɛ a yɛn bere yi gye na wɔyɛ den wɔ honhom mu no.

10 min: Nkrataa a Yɛkyerɛw Kɔma Nkurɔfo a Yɛnto Wɔn Fie No. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Esiane sɛ yɛntaa nto nkurɔfo wɔ fie nti, krataa a adawurubɔfo binom kyerɛw no so ba mfaso. Fa nyansahyɛ yi di dwuma: Ɛnsɛ sɛ krataa no yɛ tenten, ɛsɛ sɛ egyina Kyerɛwnsɛm no so, na ɛda obu adi. Ɛsɛ sɛ wokyerɛw wo din wɔ krataa no mu. Fa pɛn anaa typewriter kyerɛw no fɛfɛɛfɛ. Fa Ahenni Asa no address ne bere a asafo no de hyiam ka ho, na to nsa frɛ no sɛ ɔmmra nhyiam. Mfa Asafo ti no address nkyerɛw. Ka nyansahyɛ a wɔde ama wɔ School Guidebook, nkratafa 87-8, ne November 1996 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã no ho asɛm.

15 min: Fa Nnianim Nsɛm a Etu Mpɔn Di Dwuma. Paw nnianim nsɛm abien anaa abiɛsa fi Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no nkratafa 9-15, na kyerɛ sɛnea mubetumi de adi dwuma yiye wɔ mo asasesin mu. Bisa atiefo asɛm yi, “Asɛm bɛn na moka bere a muhyia obi wɔ abɔnten so anaa baabiara no?” Sɛ bere ma kwan a, yɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien.

Dwom 54 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 31

Dwom 66

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae obiara ma ɔmfa ne July asɛnka akontaabu mmara. Ma atiefo nka osuahu a wɔanya bere a wɔde nhomawa rema wɔ ɔsram yi mu no.

12 min: Asafo mu ahiade.

18 min: “So Wokyerɛ Yehowa Abodwokyɛre Ho Anisɔ?” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka Yehowa abodwokyɛre ho nsɛm a ɛfata.—Hwɛ Insight, Po 2, nkratafa 263-4.

Dwom 75 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase August 7

Dwom 88

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

17 min: “Wofɛre Ade?” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka osuahu bi a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ 1997 Yearbook, nkratafa 43-4, ho asɛm.

18 min: Fa Nyansa Susuw Wo Daakye Asetra Ho. Ɔkasa a panyin ma. Mmofra wɔ ɔpɛ sɛ wɔne wɔn adɔfo benya daakye a anigye wom. Ɛwom sɛ obiara wɔ ɔpɛ a ɛte saa de, nanso sɛ ebesi wɔn yiye a, ɛsɛ sɛ wotie afotu pa. (Mmeb. 19:20) Mmerante ne mmabaa ani tumi gye wɔn ho dendeenden. Sɛ wɔanni nkate a ɛte saa so a, ebetumi de asiane abrɛ wɔn. Nsɛmmisa pii sɔre fa fata a ɛfata sɛ mmerante ne mmabaa benya akɔnnɔ a emu yɛ den ama wɔn ho, na akowie nhyehyɛe a wɔyɛ de pue mu no ho. Ka afotu a ɛwɔ Young People Ask nhoma no, nkratafa 231-5, ho asɛm. Si nsɛntitiriw a ɛwɔ November 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-23, a ɛkyerɛ hia a ehia sɛ mmofra di wɔn asɛyɛde a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim nyinaa ho dwuma no so dua. Hyɛ mmofra nkuran ma wonsusuw afotu yi ho na wɔne wɔn awofo nsusuw ɛho nsɛmmisa biara ho.

Dwom 101 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena