Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase September 11
Dwom 139
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ ahorow a wɔapaw.
15 min: “Yehowa Nhyira na Ɛma Yɛyɛ Adefo.” Mma nnianim nsɛm nnni simma biako na fa nsɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.—Hwɛ Insight, Po 2, kratafa 804, nkyekyem 6-7.
20 min: “Fa Nsɛm a Ɛresisi Nnansa Yi Kanyan Anigye.” Atiefo nkɔmmɔbɔ ne ɔyɛkyerɛ ahorow. Ka nsɛm pii a asisi nnansa yi a akanyan anigye wɔ mo mpɔtam hɔ ho asɛm. Daakye ho dadwen bɛn na eyi ama nkurɔfo anya? Fa Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase nhomawa no kratafa 5 kyerɛ sɛnea yebesiesie nnianim asɛm ma akowie Bible mu nkɔmmɔbɔ mu. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ a wɔasiesie no yiye abien.
Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase September 18
Dwom 2
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
10 min: “So Ɛsɛ sɛ Mehwehwɛ Mmoa Fi Amannɔne?” Ɔkasa a ɔpanyin ma.
12 min: Dɛn na Yɛyɛe Afe a Etwaam No? Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Ka mo asafo no 2000 ɔsom afe no akontaabu mu nneɛma atitiriw ho asɛm. Fa nkamfo ma wɔn wɔ nneɛma pa a mutumi yɛe ho. Kyerɛ mmeae a mubehia nkɔso. Twe adwene si nea asafo no ayɛ wɔ nhyiamkɔ, Bible adesua asefi ne ne yɛ, ne asɛnka a wɔkɔ daa mu so. Ka botae pa a mode besi mo anim ama afe a ɛreba no ho asɛm.
15 min: “Nkurɔfo Nkwa Da Asiane Mu!” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka asɛm no mu kyerɛw nsɛm ho asɛm.
Dwom 30 ne mpaebɔ a wɔde wie
Dapɛn a Efi Ase September 25
Dwom 93
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa September asɛnka akontaabu mmra. Ka Asɛmmisa Afã ho asɛm.
15 min: Asafo mu ahiade.
15 min: Yɛn Nsɛmma Nhoma no Som Bo Daa. Dɛn na woyɛ bere a Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a akyɛ ano boaboa gu hɔ no? Ɛyɛ a adawurubɔfo bi pɛ sɛ wɔtow gu, wosusuw sɛ nsɛm a ɛwom no atwam. Nanso, September 1993 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3 hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa dedaw no bi nhyɛ yɛn ho na yɛmfa mma wɔ bere a ɛfata mu. Wubetumi apaw nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a mmarima, mmea, adwumayɛfo, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne mmofra a wɔadu mpanyin afe so ani begye ho; afei yɛ krado sɛ wode nsɛmma nhoma no bɛma bere a hokwan bue no. Yɛ sɛnea wobetumi apaw emu nsɛm de ama ho ɔyɛkyerɛ. Ka osuahu a ɛkyerɛ sɛnea adawurubɔfo atumi de nsɛmma nhoma dedaw ama kyerɛ.
Dwom 115 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 2
Dwom 169
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 a yebefi ase akyekyɛ fi Dwoda, October 16, akosi Fida, November 17, no ho asɛm kyerɛ asafo no. Hyɛ wɔn nyinaa, a mmofra ne wɔn a wɔaba foforo ka ho nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden nnya mu kyɛfa nkosi ase. Ɛsɛ sɛ adesua so ahwɛfo fi ase seesei hyɛ kuw no mufo nyinaa nkuran na wɔyɛ nhyehyɛe na ama wɔde nsiyɛ anya mu kyɛfa sɛnea wobetumi. Fa osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a yenya fii Ahenni Asɛm a etwa to a yɛkyekyɛe no mu ka ho.
15 min: “So Ɛsɛ sɛ Mitu Kɔtra Baabi?” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Kyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde nhumu di dwuma bere a yɛresi gyinae atu akɔtra baabi foforo no. Munsusuw sɛnea mode afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 22:3 bedi dwuma no ho. Fa nsɛm a ɛfa ahwɛyiye a ɛsɛ sɛ yɛyɛ a ɛwɔ August 15, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 22, ho no ka ho.
15 min: Nkɔmmɔbɔ a Wofi Ase Ho Osuahu Ahorow. Wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi ma September 11 dapɛn no mu no, wɔkamfo kyerɛe sɛ yɛmfa nsɛm a ɛresisi nnansa yi ara nyɛ nnianim nsɛm mfa nkanyan anigye mfa mfi nkɔmmɔbɔ ase wɔ ɔsom adwuma no mu. Ma atiefo nka biribi pa a afi nyansahyɛ ahorow a wɔde dii dwuma yi mu aba ho asɛm.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.