Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/00 kr. 1
  • So Wubegyina Akodu Awiei?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wubegyina Akodu Awiei?
  • Yɛn Ahenni Som—2000
Yɛn Ahenni Som—2000
km 10/00 kr. 1

So Wubegyina Akodu Awiei?

1 Wɔ 1998 “Onyankopɔn Asetra Kwan” Ɔmantam Nhyiam no awiei no, Yehowa nkurɔfo gyee tirimbɔ 7 bi a esii yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛnantew Onyankopɔn asetra kwan so no so dua toom. Ne fã bi kae sɛ: “Yɛbɛkɔ so adi Bible mu abrabɔ ne honhom fam gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no so. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkwati sɛ yɛbɛnantew sɛnea amanaman no nantew wɔn adwene hunuyɛ mu no. (Efe. 4:17-19) Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn ho atew wɔ Yehowa anim na yɛmma wiase nkekae biara mma yɛn ho. (Yak. 1:27)” Esiane sɛ yɛte nnipa a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn asetra kwan so mu nti, gyinabea a ɛkorɔn yi mu a yebekura no hwehwɛ sɛ yenya ɔdɔ kɛse ma Yehowa ne ne mmara ahorow.—Dw. 11:7; 119:165.

2 Yesu Kristo kaa asɛm a ɛma yenya anidaso yi ho asɛm sɛ: “Na nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mat. 24:3, 13) Sɛ ankorankoro a yɛretwɛn Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛyɛ anigye a ɛfa asase ho mmamu no, “awiei no” betumi akyerɛ ‘nneɛma nhyehyɛe no awiei’ anaasɛ yɛn wu. Nanso, nokwaredi ho hia na yɛanya nkwagye koraa.—1 Pet. 1:8, 9.

3 Esiane sɛ Satan, “gyata a ɔbobom” no, nim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa nti, nea n’ani gye ho titiriw ne sɛ ɔbɛkyere Yehowa nkoa awe. (1 Pet. 5:8; Adi. 12:12, 17) Wɔ 1999 ɔsom afe no nkutoo mu no, wotuu adawurubɔfo 522—wɔn dodow bɛyɛ asafo awotwe mufo—wɔ Ghana, bere a wɔkaa afoforo bebree anim no! Wɔn mu bɛboro ɔha mu 80 na wotuu wɔn esiane ɔbrasɛe—aguamammɔ, awaresɛe, anaa ahohwibra, nti! (Fa toto Numeri 25:1, 9; 1 Korintofo 10:8 ho.) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so wɛn, ‘yesiw Satan kwan, na yegyina pintinn wɔ gyidi no mu!’—1 Pet. 5:9.

4 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛho hia sɛ Onyankopɔn somfo biara gyina ɔhaw ano de kura ne mudi mu. Na ɛsɛ sɛ Yesu, yɛn Nhwɛsofo no, gyina pintinn. Ɔnam saayɛ so de boasetɔ ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ mae. (Heb. 12:1-3) Ɔsomafo Paulo suasuaa Yesu nhwɛso no. (2 Kor. 12:11, 12) Wɔ akwanside a ɛyɛ den nyinaa akyi no, Paulo buu ne som adwuma sɛ ɛsom bo yiye araa ma ogyinaa amanehunu pii ano de kamfoo ne som. (2 Kor. 6:3, 4, 9) Ɛnde, hwɛ sɛnea ehia sɛ yɛremmu yɛn ani ngu Yehowa Asɛm so! Ɛsɛ sɛ ɛyɛ tumi a ɛho hia a ɛma yenya ahoɔden wɔ yɛn asetra mu, na sɛ yɛpɛ sɛ yegyina mu ampa a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa gye di.—Yak. 1:21.

5 Hwɛ Wo Honhom Fam Akwahosan So: Sɛ yɛhwɛ yɛn honam fam akwahosan so daa a, etumi ma yɛko tia nyarewa. Na sɛ yɛyare a, yɛn ho tɔ yɛn ntɛmntɛm. Saa ara na sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam akwahosan so, ma nhyira a yɛwɔ nnɛ ne nea yebenya daakye tra yɛn adwenem yiye, na yɛde yɛn ho to Yehowa ahoɔden so na ɛnyɛ yɛn ankasa de so a, ɛbɛma yɛatumi adi ɔhaw ahorow a ɛba no ho dwuma yiye.

6 Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yedi aduan a Onyankopɔn de ma na yɛkyerɛ honhom fam “aduan” pa a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma yenya wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu” no ho anisɔ. (Mat. 24:45-47) Yiw, sɛ yɛhwehwɛ Yehowa hɔ mmoa denam kokoam adesua, nhyiamkɔ, mmɔdenbɔ a yɛde yɛ Kristofo som adwuma, ne ɛnkanka mpaebɔ so a, yɛn ani bɛda hɔ wɔ honhom fam kɛse, na ama yɛatumi agyina tebea horow a ɛtaa de yɛn to asiane mu no ano.—Dw. 1:1-3.

7 Yɛn honhom fam akwahosan sohwɛ nso hwehwɛ sɛ yemmu yɛn ani ngu afotu a Kyerɛwnsɛm no de ma sɛ yɛnkwati tebea horow a ɛde yɛn honhom fam yiyedi bɛto asiane mu no so. Wɔn a wɔatu wɔn no mu dodow no ara ne wiasefo bɔɔ fekuw denneennen denam nkitahodi ahorow ne anigyede a ɛmfata so. (1 Kor. 15:33) Wɔn mu pii maa wiase no anuonyam a ɛnyɛ papa no twetwee wɔn na wɔpɛe sɛ wɔyɛ ne fã. (1 Yoh. 2:15-17) Wɔ akwan foforo so no, wɔn mu binom tee nka sɛ Yehowa mmara yɛ katee dodo. (1 Kor. 6:9, 10) Wɔanhu no ntɛm koraa sɛ Yehowa rekyerɛ yɛn kwan na ama asi yɛn yiye.—Yes. 48:17, 18; Dw. 19:9-11.

8 Yentumi nkwati akwanside anaasɛ tebea horow a ɛde yɛn to asiane mu koraa. Nanso, sɛ yɛhwɛ yɛn honhom fam akwahosan so yiye a, nneɛma a ɛtete saa no remmunkam yɛn so. Kae sɛ Yehowa ani gye bere a n’asomfo gyina ɔhaw ano no. Enti, momma yɛmma ne koma ani nnye denam ne kwan a yɛbɛkɔ so anantew so no so.—Mmeb. 27:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena