Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/00 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase October 9
  • Dapɛn a Efi Ase October 16
  • Dapɛn a Efi Ase October 23
  • Dapɛn a Efi Ase October 30
  • Dapɛn a Efi Ase November 6
Yɛn Ahenni Som—2000
km 10/00 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase October 9

Dwom 10

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw ne Mum Kasa nhyiam a ɛto so abien.

12 min: “So Wubegyina Akodu Awiei?” Mma nnianim nsɛm no nnni simma biako, na fa asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

25 min: “Mfirihyia Apem Foforo No—Dɛn na Wubenya Daakye?” Asɛm a ɔsom adwuma sohwɛfo susuw ho anigye so. Sɛ wokenkan krataa a Asafo ti no kyerɛw no July 3, 2000, kɔmaa mpanyimfo no mu nkaebɔ no wie a, ma wɔmfa Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no biako mma obiara a ɔwɔ hɔ. Afei fa asɛmmisa-ne-mmuae nkɔmmɔbɔ toa asɛm no so. Ka nhyehyɛe a moayɛ a mode bɛkyekyɛ wɔ mo asasesin mu nyinaa no ho asɛm. Munsusuw sɛnea mobɛboa anigyefo ne mmofra ma wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu ho. Yɛ ɔyɛkyerɛ tiawa bi. Si hia a ehia sɛ obiara nya ɔsatu yi mu kyɛfa kɛse so dua.

Dwom 53 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 16

Dwom 104

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Kae adawurubɔfo sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no ne Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 ma wɔ dapɛn no awiei asɛnka mu.

15 min: “Nnwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ, Ɛhyɛ Nkuran, na Ɛma Denhyɛ.” (Nkyekyem 1 ne 2 nkutoo.) Ɔkasa. Ka nea ɛmaa Asafo ti no fii ase yɛɛ video kasɛt no ho asɛm tiawa. (Hwɛ Proclaimers nhoma, nkratafa 600-601.) Hyɛ obiara nkuran ma ɔnhwɛ Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no mfa nsiesie ne ho mma dapɛn a efi ase October 30 Ɔsom Nhyiam no. Wɔn a wɔwɔ video no bi no betumi de ama wɔn a wonni bi no, anaa wobetumi ne wɔn abom ahwɛ.

20 min: Obiara Betumi Ada Akwampae Honhom Adi. Nhoma adesua sohwɛfo ne ne boafo ntam nkɔmmɔbɔ a egyina October 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 22-3 so. Wosusuw nea enti a ɛbɛyɛ papa sɛ wonya akwampaefo pii wɔ asafo no mu ne sɛnea obiara betumi aboa ma wɔadu botae yi ho no ho. Wosusuw akwan a wɔbɛfa so ahyɛ wɔn a wɔyɛ akwampaefo mprempren no nkuran ma wɔakɔ so ayɛ ne sɛnea wobetumi ama asafo no mufo nyinaa ayɛ nnam wɔ ɔsom adwuma no mu nso ho.

Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 23

Dwom 127

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min: “Yehowa Adansefo Bu Abatow Dɛn?” Ɔkasa a egyina November 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 28-9 so a ɔpanyin a ɔwɔ osuahu ma. Ka nsɛntitiriw anum a ɛwom no nkutoo ho asɛm. Mfa bi nka nea wɔakyerɛw no ho. Ma anuanom nhu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nea afoforo fi wɔn ahonim mu yɛ no to wɔn hintidua.

20 min: Siesie Wo Ho Yiye Ma Nhyiam Horow. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Sɛ yebenya nhyiam horow so mfaso a, egyina mmɔdenbɔ a yɛde siesie yɛn ho no so kɛse. Munsusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ March 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 15-16, nkyekyem 8-11, no ho. Ma atiefo nka sɛnea wonya ɔpɛ ne bere a ehia de siesie wɔn ho yiye no ho asɛm.

Dwom 211 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase October 30

Dwom 167

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn October asɛnka akontaabu mmra.

12 min: Osuahu ahorow a Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no kyekyɛ ama wɔanya. Ma adawurubɔfo nka nea afi Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no kyekyɛ mu aba a ɛhyɛ nkuran ho asɛm. Ma daa akwampaefo ne akwampaefo aboafo nka anisɔ a wɔanya wɔ adwuma pii a wɔayɛ wɔ ɔsatu yi mu ne hokwan a ama wɔne adawurubɔfo pii ayɛ adwuma no ho.

25 min: Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Munsusuw nsɛmmisa a ɛwɔ “Nnwinnade a Ɛkyerɛkyerɛ, Ɛhyɛ Nkuran, na Ɛma Denhyɛ” no nkyekyem 3 no ho. Fa sɛnea mubetumi de video no aboa anigyefo ma wɔahu yɛn ahyehyɛde no yiye ho nyansahyɛ ma. Fa osuahu biako anaa abien ka ho.—Hwɛ October 1, 1992, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 30-1.

Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase November 6

Dwom 198

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw sɛnea Ahenni Asɛm a Ɛto so 36 no kyekyɛ rekɔ so ho. Ka baabi a moayɛ adwuma akodu wɔ asasesin no mu ne nea ebehia ma ebedu November 17 no na moayɛ mu adwuma awie ho asɛm.

20 min: Dɛn na Yegye Di? Onua bi kɔ obi a obisa sɛ, “Dɛn na Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ a ɛma wɔyɛ soronko wɔ asɔre afoforo ho?” nkyɛn sankɔhwɛ. Munsusuw nsɛm a ɛwɔ adaka a ɛwɔ October 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no kratafa 6 mu no ho. Kyerɛkyerɛ sɛnea asɔre afoforo gye nnipa nkyerɛkyerɛ tom na wobu wɔn ani gu Bible mu nokware atitiriw yi so anaasɛ wɔpo no mu.

10 min: Nnwonto—Yɛn Som Fã a Ɛho Hia. Nhoma adesua sohwɛfo ne adawurubɔfo baanu bɔ wɔn asafo nhyiam horow ase nnwonto ho nkɔmmɔ. Wahu sɛ ɛte sɛ nea ahoɔden nni wɔn nnwonto mu. Ɔne wɔn susuw February 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27-8 mu nsɛm bi ho. Wɔhwehwɛ nnwom a wɔbɛto wɔ dapɛn no Ɔwɛn-Aban Adesua ase no mu biako mu nsɛm mu sɛnea wɔde ho nyansahyɛ ama wɔ July 1, 1999, Ɔwɛn-Aban no kratafa 20, nkyekyem 12 no. Sɛ yɛamfa nnwonto anni agoru a, ɛma yɛde anigye fi komam yi Yehowa ayɛ.

Dwom 223 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena