Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/01 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 8
  • Dapɛn a Efi Ase January 15
  • Dapɛn a Efi Ase January 22
  • Dapɛn a Efi Ase January 29
  • Dapɛn a Efi Ase February 5
Yɛn Ahenni Som—2001
km 1/01 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase January 8

Dwom 29

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ a wɔapaw.

15 min: “Momma Mo Kanea Nhyerɛn.” Fa June 1, 1997, Ɔwɛn-Aban, kratafa 15, nkyekyem 12-13 mu nsɛm ka ho. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa hokwan biara a obenya nni adanse.

20 min: “So W’ani Gye Kokoam Adesua Ho?” Ɔkasa a etu mpɔn a ɔpanyin ma a egyina June 15, 1994 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 8-11 so. Si sɛnea ehia sɛ Yehowa asomfo nyinaa sua ade daa no so dua.

Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 15

Dwom 51

13 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” ho asɛm, na hyɛ obiara nkuran ma ɔnkɔ dwumadi no nyinaa bi.

12 min: Asafo mu ahiade.

20 min: So Wohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no Mu Daa? Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa. Ka December 15, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 17-18, nkyekyem 12-14, a ɛka hia a ehia sɛ abusua biara susuw kyerɛw nsɛm ho daa no mu asɛm. Bisabisa abusua bi mufo nsɛm, na ma obiara nkyerɛ mfaso a onya fii nnansa yi ara daa asɛm a wosusuw ho no mu ne nea enti a ɛte saa. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔde eyi ka abusua adesua a yɛyɛ daa de hyɛ yɛn abusua no mufo den na ama yɛatumi akɔ asɛnka daa no ho.

Dwom 67 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 22

Dwom 90

7 min: Asafo mu nkaebɔ.

18 min: Sɛnea Yebesua Nnianim Nsɛm. Ɔkasa ne ɔyɛkyerɛ. Munsusuw Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nsɛntitiriw a ɛwɔ nhomawa no, kratafa 2 ho. Kyerɛ sɛnea yebetumi asiesie nnianim asɛm bi ma afata yɛn asasesin no. Ka nnianim nsɛm bi a yebetumi de aka Ahwehwɛde nhomawa no ho adi dwuma ho asɛm, na ma wɔnyɛ emu biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. (Hwɛ April 1997 Yɛn Ahenni Som, kratafa 8.) Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa nyansahyɛ a ɛwɔ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no ne Yɛn Ahenni Som mu no nni dwuma yiye.

20 min: “Yɛ Otiefo Pa.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Twe adwene si asɛm a ɛwɔ School Guidebook, kratafa 27-8, nkyekyem 15-17 no so. Nea ɛbɛkyerɛ paa sɛ yetumi tie asɛm bi no gyina sɛnea yɛkae nea yɛate no so. Bisa atiefo ma wɔnka nsɛntitiriw a wɔdaa no adi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu anwummere yi no bi ho asɛm.

Dwom 96 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 29

Dwom 139

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn January asɛnka akontaabu mmra. Ka nhoma a yɛde bɛma February ho asɛm, na twe adwene si nhoma a asafo no wɔ bi so.

15 min: “Munni Onyankopɔn Asomdwoe Akyi Wɔ Abusua Mu.” Ɔkasa a egyina June 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 20-5 so, twe adwene si asafo nhoma mu adesua a yɛbɛyɛ wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma mu no so. Hyɛ mmerante ne mmabaa nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ dapɛn biara nhoma mu adesua a yɛbɛyɛ no mu. Obiara bɛpɛ sɛ ɔkɔ adesua no daa, na ama no ahu nea ɛde abusua mu anigye ba ankasa.

20 min: “Awofo—Momfa Su Pa Nnua Mo Mma Mu.” Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa awofo a wɔn mma bɔ mmɔden wɔ honhom fam. Awofo no ka nneɛma pa a wɔayɛ a ɛboa wɔn mma no ma wɔkɔ asɛnka daa ho asɛm. Sɛ bere ma kwan a, fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma, nkratafa 55-9 no ka ho.

Dwom 149 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 5

Dwom 168

10 min: Asafo mu nkaebɔ.

15 min:“ Fa Anigye Yɛ Adwuma No.” Kyerɛ nneɛma ahorow bi a etumi ma yɛn ani gye wɔ Onyankopɔn som mu sɛnea Insight nhoma, Po 2, kratafa 120, nkyekyem 6-8 da no adi no.

20 min: Wubetumi Anya Anigyede a Ɛho Tew. Abusua bi susuw afotu a wɔde ama wɔ June 8, 1997, Nyan! mu no ho. Agya no ma n’ani ku anigyede ko a abusua no ani gye ho ho kɛse. Bere a wɔasusuw “Dɛn Na Aba Anigyede So?” (nkratafa 12-15) ho tiawa no, wosusuw anigyede ahorow a ɛfata na mfaso wɔ so nso ho. Munsusuw Yɛn Som Adwuma nhoma no mu nsɛm “Ahomegye” a ɛwɔ nkratafa 131-2, ne “Monyɛ Ne Nyinaa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a ɛwɔ nkratafa 134-6, no ho. Si nea ɛsɛ sɛ awofo yɛ a ɛbɛma abusua no mufo abrɛ wɔn ho ase na ɛso aba wɔn nyinaa mfaso so dua.

Dwom 190 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena