Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/02 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 14
  • Dapɛn a Efi Ase January 21
  • Dapɛn a Efi Ase January 28
  • Dapɛn a Efi Ase February 4
Yɛn Ahenni Som—2002
km 1/02 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase January 14

Dwom 3

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Munsusuw asɛm “Wɔatew Nnwumakuw Foforo” a ɛwɔ adaka no mu no ho.

25 min: Nsiesiei a Ayamye Wom So Mfaso a Yebenya. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma, a egyina December 1, 2001 ɔkasa ho krataa a efi baa dwumadibea no so. Ɛsɛ sɛ asafo no nya nneɛma a edidi so yi dodow a ɛsɛ a wɔbɛkyekyɛ: “Advance Medical Directive/Release” (AMD) kratasin, “Identity Card,” Asafo ti no akwahosan sohwɛ tumi krataa (DPA), ne “Advance Directive Guide.” Wɔde nkrataa yi bɛmema adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu anwummere yi, nanso ƐNSƐ SƐ wɔhyehyɛ no anwummere yi. Wɔbɛhyehyɛ AMD nkratasin no, adi ho adanse, abɔ date agu so wɔ Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no ase, na nhoma adesua sohwɛfo no aboa wɔ baabi a ehia no. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa hyɛ ase sɛ adansefo no hu ankasa sɛ onii no de ne nsa rehyɛ krataa no ase. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan Asafo ti no “Advance Directive Guide” no yiye ansa na wɔahyehyɛ DPA no awie. Sɛ woahyehyɛ DPA no bi dedaw a, ɛho renhia sɛ wohyehyɛ foforo gye sɛ wohyehyɛɛ nea wowɔ mprempren no ansa na 2001 reba anaasɛ ɛnna nea wopɛ mprempren adi. Sɛ ɔdawurubɔfo bi tu kɔ ɔman foforo mu a, ɛsɛ sɛ ɔhyehyɛ saa ɔman no mu DPA krataa no foforo. Adawurubɔfo a wɔmmɔɔ asu betumi akyerɛw bi ama wɔne wɔn mma denam nkrataa yi mu nsɛm a wɔbɛsakra mu ma ɛne wɔn tebea ne gyidi ahyia no so.

10 min: “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho.” Yɛ sɛnea wɔde January 15 Ɔwɛn-Aban ne February 8 Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ anuanom nyinaa nkuran sɛ wɔmmoa Nsɛmma Nhoma Kyekyɛ Da no.

Dwom 55 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 21

Dwom 104

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Munsusuw asɛm “Fa Biribi Sie” ho.

13 min: So Wohwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu Da Biara? Abusua nkɔmmɔbɔ. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya daa asɛm no ho a wosusuw so mfaso pii no, wosusuw December 15, 1996, Ɔwɛn-Aban no kratafa 18 nkyekyɛm 13-14 ho. Ka daa asɛm abien anaa abiɛsa a yɛayɛ nnansa yi mu nsɛm, na kyerɛkyerɛ sɛnea yenyaa asɛm no so mfaso titiriw. Si so dua sɛ ɛsɛ sɛ nsiesiei yi yɛ abusua Bible adesua a wɔyɛ daa a wɔayɛ sɛnea ɛbɛma wɔayɛ nnam wɔ honhom fam no fã bi.

22 min: “Kɔ so Fa Ahenni no Di Kan.”a Fa September 1, 1998, Ɔwɛn-Aban no kratafa 19-21 hɔ nsɛntitiriw ho nsɛmmisa kakra ka ho.

Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 28

Dwom 196

10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn January asɛnka akontaabu mma. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no yɛ nsɛmma nhoma a wɔde ma ho ɔyɛkyerɛ abien, fa February 1 Ɔwɛn-Aban yɛ biako; na fa February 8 Nyan! yɛ nea ɛka ho no. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma February, na twe adwene si nhoma a asafo no wɔ so.

20 min: “Awofo—Montete Mo Mma Mfi Mmofraase.”b Fa April 15, 1998 Ɔwɛn-Aban kratafa 32 hɔ nsɛm ka ho. Ma awofo nka nneɛma pa a wɔanya afi honhom fam ntetee a wɔde maa wɔn mma fii wɔn mmofraase no mu.

15 min: Asafo mu ahiade. Ma adawurubɔfo nka osuahu ahorow a wɔanya bere a wɔde Reasoning nhoma no dii dwuma, bere a wɔde nhomawa pɔtee bi buaa nkurɔfo nsɛmmisa, anaasɛ wɔde Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no mu Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye ma no. Ebia wubetumi ayɛ osuahu biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ.

Dwom 202 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 4

Dwom 212

8 min: Asafo mu nkaebɔ ne “Betel Ntrɛwmu no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ.”

17 min: ‘Wɔbɛyɛ Dɛn Ate?’c Ma atiefo nka sɛnea kyerɛw nsɛm no fa ho. Fa nsɛmmisa a efi August 15, 1998 Ɔwɛn-Aban kratafa 20 nkyekyɛm 17-18 ka ho.

20 min: “Asɛm a Wɔka Wɔ Asɛnka Mu a Wɔahyɛ Ho Nyansa.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Krataa a ɛhyɛ mu no kura nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ ahorow a epuei wɔ Yɛn Ahenni Som a atwam mu ne bi a ɛyɛ foforo mu. Mubetumi akyerɛw nyansahyɛ afoforo a ɛbɛba daakye a etu mpɔn wɔ mo asasesin mu no ahyɛ beae a wɔagyaw kwan ato no. Ma atiefo nka nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔn ani gye ho titiriw ne nea enti a ɛte saa no ho asɛm. Fa biako anaa abien a wobetumi de adi dwuma de nhoma a yɛde bɛma February no ama yɛ ɔyɛkyerɛ. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa krataa a ɛhyɛ mu yi nsie na wɔntaa nkenkan bere a wɔresiesie wɔn ho akɔ asɛnka no.

Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena