Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/02 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase February 11
  • Dapɛn a Efi Ase February 18
  • Dapɛn a Efi Ase February 25
  • Dapɛn a Efi Ase March 4
Yɛn Ahenni Som—2002
km 2/02 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase February 11

Dwom 6

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnkenkan Genesis 6:1 kosi 9:19 na ɔnhwɛ Noah—He Walked With God video no mfa nsiesie ne ho mma ɛho a yebesusuw wɔ dapɛn a efi ase February 25 Ɔsom Nhyiam ase no.

17 min: ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa.’ a (Nkyekyɛm 1-13) Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani di ho dwuma. Anigye a wɔde susuw nea yɛpɛ sɛ yetumi yɛ wɔ March mu ne akyi ho. Ɛsɛ sɛ obiara de kalenda a wɔde ama wɔ krataa a ɛhyɛ mu no mu no yɛ nhyehyɛe pa a ɛbɛma wanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse sɛnea obetumi wɔ March mu. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo saa ɔsram no nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 7-8 ho a, bisa ma wɔnka nhyira horow a wɔn a wɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ afe a etwaam no Nkaedi bere mu no nyae nkyerɛ. Ka kyerɛ wɔn sɛ wobetumi anya akwampaefo aboafo akwammisa nkrataa no bi bere a moapɔn nhyiam no.

10 min: “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo.” Ɔkasa. Ka da a mobɛyɛ ɔmansin nhyiam a edi hɔ no. Ɛsɛ sɛ obiara bɔ mmɔden kɛse sɛ ɔbɛto nsa afrɛ ne Bible adesuafo. Hyɛ adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu nkuran sɛ wonsusuw sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne ama Yehowa wɔ nhyiam a edi hɔ no ase ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonkotie dwumadi no afã abien no nyinaa da biara.

10 min: “Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho.” Bisa adawurubɔfo sɛnea asɛm yi a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no aboa wɔn ma wosiesie wɔn ho yiye tumi de nsɛmma nhoma no mu nsɛm di dwuma ma ɛne nsɛm a ɛhaw adwene a esisi wɔ bere a emu yɛ den yi mu no hyia. Osuahu bɛn na ebinom anya bere a wɔma nkurɔfo nya awerɛkyekye na wɔboa wɔn ma wonya nsɛmmisa a ɛhaw adwene ho mmuae a egyina Bible so no? Kyerɛ sɛnea wɔde February 15 Ɔwɛn-Aban no ne afei March 8 Nyan! bɛma wɔ ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien mu.

Dwom 49 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 18

Dwom 95

8 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ.

12 min: “Nnipa a Wɔwɔ Anigye Sen Biara Wɔ Asase So.”b Ka “Akwan a Wubetumi Afa So Anya Anigye” a ɛwɔ October 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no kratafa 6 ho asɛm.

25 min: ‘Ka Onyankopɔn Asɛm Wie Koraa.’c (Nkyekyɛm 14-23) Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ka nhyehyɛe atitiriw a moayɛ a ɛbɛma moayɛ adwuma pii wɔ March mu ho asɛm. Ka asɛnka nhyiam ho nhyehyɛe a moayɛ ama ɔsram no nyinaa ho asɛm. Fa adwene si wɔn a wɔayɛ mmerɛw a mobɛsan ama wɔayɛ den ne mmoa a mobɛma mmofra ne Bible adesuafo anya ma wɔafata sɛ adawurubɔfo a wɔmmɔ wɔn asu no so. Bobɔ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo aboafo adwuma mu wɔ March mu no din na hyɛ pii nkuran sɛ wɔmfa mpaebɔ nsusuw ka a wɔbɛka wɔn ho ma wɔayɛ akwampae adwuma no ho.

Dwom 143 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase February 25

Dwom 174

15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛ nsɛmma nhoma a yɛde ma ho ɔyɛkyerɛ ntiantiaa abien—fa March 1 Ɔwɛn-Aban yɛ biako na fa March 8 Nyan! yɛ nea ɛka ho no. Ma aberantewaa anaa ababaawa nyɛ biako. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mma.

15 min: “Tumi a Video Ahorow a Edi Adanse no Wɔ.” Atiefo nkɔmmɔbɔ. Ɛde besi nnɛ no, yɛasusuw yɛn video no mu awotwe ho wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi no mu. Bere a woaka nhwɛso ahorow a wɔde ama wɔ asɛm no mu tiawa awie no, bisa adawurubɔfo mma wɔnka nea wɔatumi ayɛ wɔ video no a woyi kyerɛ afoforo no mu nkyerɛ.

15 min: “Obiara Betumi Asua Biribi Afi Noah—He Walked With God Video no Mu.” Wo ne atiefo mfi ase nsusuw Noah video no ho ntɛm ara bere a wode adaka a ɛwɔ kratafa yi mu nsɛmmisa nkutoo di dwuma no. Wɔ April mu no, yebesusuw Young People Ask—How Can I Make Real Friends? video no ho.

Dwom 215 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase March 4

Dwom 207

5 min: Asafo mu nkaebɔ.

12 min: Asafo mu ahiade.

12 min: Fa Nimdeɛ Nhoma no Fi Adesua Ase. Wɔ March mu no, yɛpɛ sɛ yɛfi ofie Bible adesua ahorow ase. Ka osuahu a ɛwɔ August 1998 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4 nkyekyɛm 8 ho asɛm tiawa. Sɛ obi de Nimdeɛ nhoma no afi adesua ase nnansa yi ara a, yɛ sɛnea otumi yɛɛ eyi ho ɔyɛkyerɛ. Kae obiara wɔ “Nimdeɛ Nhoma no a Yɛde Bɛma Ho Nyansahyɛ Ahorow” a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2002 Yɛn Ahenni Som mu no ho. Fa nhoma no yɛ nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ krataa a ɛhyem no kratafa 6 wɔ “Asɛm a Wɔka Tẽẽ” no ase ho ɔyɛkyerɛ biako.

16 min: “Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokɔ So Ka Asɛm No?” Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔde mfe pii akɔ so aka asɛm no nsɛm fa wie. Ma wɔnka sɛnea wɔte nka wɔ nea enti a wɔakɔ so ayɛ adwuma yi ne sɛnea wɔanya so mfaso no ho asɛm nkyerɛ.

Dwom 223 ne mpaebɔ wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena