Biako a Yɛne Yehowa ne Ne Ba no Ayɛ Wɔ Anigye Mu
Yebedi Afe no Mu Afahyɛ a Ɛho Hia Sen Biara no Wɔ March 28
1 Sɛ yedi Awurade Anwummeduan afahyɛ no wɔ bere a owia akɔtɔ wɔ March 28, 2002 mu a, yɛda no adi sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ biako wɔ anigye mu. Wɔ saa bere titiriw yi mu no, Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no benya “ayɔnkofa” soronko a wɔne Ahenni adedifo afoforo, Agya no, ne ne Ba no wɔ no mu anigye. (1 Yoh. 1:3; Efe. 1:11, 12) “Nguan foforo” ɔpepem pii no besusuw hokwan soronko a wɔwɔ sɛ wɔne Yehowa ne ne Ba no ayɛ biako, na wɔde koma ne adwenkoro yɛ Onyankopɔn adwuma no ho!—Yoh. 10:16.
2 Abusuabɔ a Emu Yɛ Den a Wɔde Yɛ Adwuma Bom: Yehowa ne Yesu ayɛ biako wɔ anigye mu bere nyinaa. Wonyaa abusuabɔ a emu yɛ den bere tenteenten ansa na wɔrebɔ onipa. (Mika 5:2) Enti ɔdɔ a emu yɛ den bɛdaa wɔn baanu ntam. Sɛ nyansa ho nhwɛso no, Abakan yi tumi kaa asɛm a edi so yi ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani: ‘Meyɛ Yehowa adɔde daa daa; m’ani gye n’anim bere nyinaa mu.’ (Mmeb. 8:30) Abusuabɔ a emu yɛ den a Onyankopɔn Ba no ne ɔdɔ Wura no nyae mfe pii a yennim ano no nyaa no so nkɛntɛnso kɛse!—1 Yoh. 4:8.
3 Esiane sɛ na ogye a adesamma hia no ho asɛm wɔ Yehowa adwenem nti, ɔpaw ne Ba a ɔwoo no koro, a na n’ani gye nnipa ho titiriw no ma ɔde agyede afɔre a ɛma yenya yɛn anidaso koro pɛ no mae. (Mmeb. 8:31) Sɛnea Yehowa ne ne Ba no de biakoyɛ di atirimpɔw biako ho dwuma no, saa ara nso na yɛkɔ so ne wɔn ne yɛn ho yɛn ho yɛ biako wɔ ɔdɔ a emu yɛ den mu, na yɛde anigye yɛ Onyankopɔn apɛde.
4 Anisɔ a Efi Komam a Yɛbɛda no Adi: Sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase na yɛde obu tie asɛm no yiye a, yebetumi ada anisɔ ankasa a yɛwɔ wɔ Yehowa dɔ ne ne Ba no afɔrebɔ ho no adi. Nea wobesi so dua ne Yesu nhwɛso a ɔdɔ wom no, nokware a odi kosii owu mu de agyede no mae, ne nniso sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɔde asi hɔ no so Hene, ne nhyira a Ahenni no de bɛbrɛ adesamma no. Wɔbɛkae yɛn sɛnea ehia sɛ yɛkɔ so da yɛn gyidi adi, na yɛde nnam yɛ Yehowa apɛde sɛ ‘yɔnko adwumayɛfo ma nokware no’ ma ɛne Yehowa apɛde hyia.—3 Yoh. 8; Yak. 2:17.
5 Afoforo a Yɛbɛboa Wɔn Ma Wɔne Yɛn Abenya Mu Kyɛfa: Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no bɔ mmɔden titiriw sɛ wɔbɛhyɛ wɔn asasesin mu Adansefo a wɔayɛ mmerɛw nyinaa nkuran ma wɔaba Kristo wu Nkaedi no ase. (Mat. 18:12, 13) Monkyerɛw wɔn a mobɛkɔ wɔn nkyɛn no din na amma moammu mo ani angu obi so na moafrɛ wɔn nyinaa.
6 So wunim ebinom a wobetumi aba Nkaedi no ase? Di kan kɔhyɛ anisɔ a wɔwɔ ma afahyɛ yi mu den. Fa anigye to nsa frɛ wɔn, na ma wɔnte nka sɛ yebegye wɔn fɛw so. Momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mfa nto nsa mfrɛ yɛn Bible adesuafo nyinaa ne anigyefo afoforo, ne yɛn abusuafo ne amannifo nso mmra afe yi afahyɛ a ɛho hia sen biara no ase. Agyede no so mfaso da so ara wɔ hɔ ma obiara a osua ‘Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn so’ no. (Fil. 3:8) Wɔn a wɔwɔ Kristo afɔrebɔ no mu gyidi no betumi anya daa nkwa ho anidaso a enhinhim no.—Yoh. 3:16.
7 Mmu tumi a Nkaedi no betumi anya wɔ komapafo so no adewa da. Mfe abien a atwam ni no, anigyefo 11 de ɔkorow ketewaa bi twaa kwan nnɔnhwerew 17 faa po a ahum tu wɔ so so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ Nkaedi no ase wɔ Papua New Guinea man a ɛyɛ supɔw no so. Dɛn ntia? Wɔkae sɛ: “Na yɛpɛ sɛ yɛne yɛn mfɛfo Yehowa asomfo di Kristo Nkaedi afahyɛ no; enti na ɛfata koraa sɛ yetuu saa kwan no.” Susuw nnamyɛ a saa anigyefo no daa no adi ne biako a wɔne Yehowa, ne Ba, ne Kristofo onuayɛ kuw no ayɛ wɔ anigye mu ho anisɔ a wɔkyerɛe no ho!
8 Ka kyerɛ wɔn a wɔkyerɛ ho anigye no nyinaa sɛ wo ne wɔn bɛyɛ Bible adesua. Hyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra asafo nhyiam daa na wɔnka nokware a wɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Boa wɔn ma ‘wɔnnantew hann no mu mfa nokware no mmɔ wɔn bra’ denam Bible nnyinasosɛm a wɔde bedi dwuma wɔ wɔn asetra mu no so. (1 Yoh. 1:6, 7) Boa wɔn ma wɔne Yehowa nnya abusuabɔ a emu yɛ den na wɔnkɔ so mma anisɔ a wɔwɔ wɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔde biakoyɛ reyɛ n’apɛde ho no nyɛ kɛse.
9 Hwɛ hokwan soronko a ɛyɛ sɛ yɛde anigye ayɛ biako wɔ ‘honhom koro mu, de ɔkra koro bom di apere ma asɛmpa no gyidi’ no. (Fil. 1:27, 28) Enti momma yɛnhwɛ fekubɔ a ɛyɛ anigye a yebenya wɔ Nkaedi no ase wɔ March 28 no kwan, na yɛnna Yehowa ne ne Ba no ase daa nyinaa!—Luka 22:19.