Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase March 11
Dwom 2
13 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ sɛnea wɔde March 15 Ɔwɛn-Aban ne April 8 Nyan! ma ho ɔyɛkyerɛ abien. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm, “M’ani nnye ho” a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 8.
12 min: Ɔfã Biara a Yenni sɛ Kristofo Mu a Yebekura. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma. Ɔman ho dɔ a wɔda no adi atrɛw wɔ sukuu mu, adwuma mu, ne mmeae a yɛte. Nnipa pii a wɔhyɛ eyi ho nkuran no yɛ saa sɛ ɔkwan a wɔfa so gyina asiane a ɛto aman no ho dadwen ne awerɛhow no ano. Ɛwom sɛ nea yehu wɔ wiase no ma yedi yaw paa de, nanso yenim amansan tumidi ho ɔsɛmpɔw a ɛso sen saa no, na Ahenni asɛm no ma yenya awerɛkyekye. Sɛ yɛde anifere kyerɛkyerɛ nea enti a yɛmfa yɛn ho nhyɛ ɔman ho dɔ nneyɛe mu no mu kyerɛ afoforo a, ɛsɛ sɛ yɛka awerɛkyekye ne anidaso a yɛahu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no nso ho asɛm kyerɛ wɔn. Yehowa Adansefo ne Nhomasua nhomawa no kyerɛ nea enti a yɛmfa yɛn ho nhyɛ ɔmampɛ ho guasodeyɛ mu no wɔ kratafa 20-4 wɔ asɛmti ketewa “Frankaakyia” no ase. Munsusuw emu nsɛntitiriw ho na hyɛ awofo nkuran sɛ wɔne wɔn mma nsusuw asɛm yi ho yiye. Ka osuahu ahorow a ɛwɔ nhomawa no kratafa 20 ne January 8, 1996 Engiresi Nyan! kratafa 31 no. Si hia a ehia sɛ yɛde ɔsom a edi mu ma Yehowa nkutoo bere a yɛkyerɛ obu ma atumfoɔ no so dua.
20 min: ‘Nya Wo Ho Wɔ Nnwuma Pa Fam.’a Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonnya asɛnka mu kyɛfa kɛse mfa nsiesie wɔn ho mma Nkaedi afahyɛ no wɔ March 28. Munsusuw sɛnea mubetumi de nkratasin a wɔde to nsa frɛ afoforo no adi dwuma yiye ho. Ma adawurubɔfo nka sɛnea wotumi nyaa wɔn abusuafo, afipamfo, ne Bible adesuafo, ne anigyefo afoforo ma wɔbaa afe a etwaam no Nkaedi no ase ne anigye a ɛma wonyae ho asɛm. Hyɛ wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu no nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ saa na wonnye ɛho akwammisa krataa no bi bere a moapɔn nhyiam no.
Dwom 82 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 18
Dwom 7
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sika ho amanneɛbɔ. Munsusuw “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wonni March 23-28 mu Nkaedi Bible akenkan a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2002 mu no akyi.
18 min: “Biako a Yɛne Yehowa ne Ne Ba no Ayɛ Wɔ Anigye Mu.” Kyerɛwnsɛm mu ɔkasa a ɛma denhyɛ a ɔpanyin ma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ efi saa bere yi kosi March 28 no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛto nsa afrɛ nnipa pii sɛnea wobetumi mma wɔne yɛn nkɔ Nkaedi no ase.
15 min: “Krataa a Efi Sodikuw no Hɔ.” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Ka krataa no mu nsɛntitiriw kyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan Yearbook no mma ɛho a wobesusuw wɔ dapɛn a edi hɔ no mu.
Dwom 45 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 25
Dwom 14
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnkaa akyi koraa sɛ wɔde akwammisa krataa bɛma sɛ wɔbɛyɛ akwampaefo aboafo wɔ April mu. Ma asafo no mu panyin mfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ no nyɛ sɛnea wɔde April 1 Ɔwɛn-Aban no ma ho ɔyɛkyerɛ na ɔbabun nyɛ sɛnea wɔde April 8 Nyan! ma nkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no mu biara akyi no, si emu nsɛm pa no bi so dua.
15 min: “Ɔkwan Bɛn So na Worenya Yearbook no So Mfaso?” Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ. Nea edi kan no, ka “Highlights of the Past Year” no mu anigye nsɛm no bi kyerɛ. Afei, ka kyerɛ atiefo no sɛ wɔnka Yearbook no mu amanneɛbɔ ne osuahu a wohu sɛ ɛhyɛ nkuran ne gyidi den no nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan Yearbook no nwie na wɔmfa mmoa Bible adesuafo mma wonhu Yehowa ahyehyɛde no.
16 min: Fa Reasoning Nhoma no Hyɛ Afoforo Nkuran. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Obiara hia nkuranhyɛ a ɔdɔ wom wɔ bere ne bere mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa te nka sɛ ehia sɛ ‘yɛkyekye’ afoforo werɛ, a wɔn a wɔka ho ne wɔn a wɔabotow a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no. (1 Tes. 5:14) Bere a wode Reasoning nhoma no redi dwuma no, ma atiefo nkyerɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛm a wobetumi de ahyɛ obi a ɔrehyia sɔhwɛ ahorow a wɔka ho asɛm wɔ kratafa 117-21 no nkuran mu biako. Fa nyansahyɛ ma sɛ obiara mmɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ obi foforo nkuran bere a ɛho hia no.—Gal. 6:10.
Dwom 131 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase April 1
Dwom 27
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo sɛ wɔmfa wɔn March asɛnka akontaabu mma.
18 min: “‘Nnipa Mu Akyɛde’ De Anigye Hwɛ Onyankopɔn Nguankuw No.” Ɔkasa a ɔpanyin ma. Munsusuw kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho. Kyerɛ sɛnea osuahu a ɛhyɛ nkuran tumi fi sra a wɔkɔsra wɔn a wɔayɛ mmerɛw no mu ba na ɛboa wɔn a wonni apɔwmuden no ma wɔyɛ nea wobetumi. Ahwɛfo a wɔwɔ ɔdɔ kyerɛ mmɔden a nguan no fi wɔn komam bɔ sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ den wɔ Yehowa som mu no ho anisɔ.
20 min: “Ma Anigye a Wowɔ Wɔ Asɛnka Mu Nyɛ Kɛse.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, bisa sɛnea mubetumi atu mpɔn paa wɔ mo asasesin mu ho nyansahyɛ ahorow a ɛfata. Yɛ sɛnea yebetumi akɔ obi nkyɛn akodi no adanse bere tiaa bi ho nhwɛso biako anaa abien ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔnhwehwɛ hokwan a ɛbɛma wadi adanse dapɛn yi.
Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.