Nea Yɛbɛka Afa Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban May 15
“So wususuw sɛ yebetumi ahu onii ko a Onyankopɔn yɛ? [Ma ommua.] Wubegye atom sɛ ɛyɛ den sɛ yebenya obi a yennim no pii mu gyidi. Nokwarem no, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhwehwɛ Onyankopɔn. [Kenkan Asomafo no Nnwuma 17:27.] Nsɛm yi kyerɛ sɛnea yebetumi ahu onii ko a Onyankopɔn yɛ no yiye.”
Nyan! June 8
“Wiase akannifo asɔ adwenhorow pii ahwɛ de abɔ mmɔden sɛ wobedi yɛn haw ahorow ho dwuma. Wɔfrɛ nhyehyɛe foforo biako a wɔayɛ no sɛ boa a amanaman no boaboa wɔn ho wɔn ho. Wɔ nsɛmma nhoma yi mu no, wubetumi akenkan sɛnea mmɔdenbɔ foforo yi reka w’asetra dedaw no ho asɛm. Wubetumi akenkan ɔhaw ano aduru a wiase nyinaa benya no nso ho asɛm wɔ Bible no mu.” Afei kenkan Mateo 6:9, 10.
Ɔwɛn-Aban June 1
“Nsɛm a esisi nnansa yi mma nnipa pii nhu nea enti a nnipa a wɔn ho nni asɛm patuw wu. So woasusuw nea enti a nnipa wu ho? [Ma ommua, na afei dan kɔ nsɛm a ɛwɔ kratafa 7 no so.] So wobɛpɛ sɛ wuhu nea Bible ka fa ayɛsɛm a abu so yi mu biako ho no?” Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, kenkan kyerɛwsɛm bi a wɔatwe adwene asi so.
Nyan! June 8
“Nnipa pii te nka sɛ nyamesom ne nyansahu nhyia. Ebinom te nka mpo sɛ obi a n’ani gye nyansahu ho ntumi nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wote nka dɛn wɔ eyi ho? [Ma ommua.] Nyan! kyerɛkyerɛ asɛm yi mu wɔ ɔkwan a ɛma emu da hɔ paa so.”