Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/02 kr. 3-6
  • Ghana Betel Ntrɛwmu No Nkɔso Ho Amanneɛbɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ghana Betel Ntrɛwmu No Nkɔso Ho Amanneɛbɔ
  • Yɛn Ahenni Som—2002
Yɛn Ahenni Som—2002
km 5/02 kr. 3-6

Ghana Betel Ntrɛwmu No Nkɔso Ho Amanneɛbɔ

1 Yehowa nam ne tete diyifo nokwafo no so kaa sɛnea asomfo bɛhyɛ ne fie ma ho asɛm sɛ: “[Me Yehowa,] mɛwosow amanaman nyinaa, na amanaman nyinaa ade a wɔpɛ bɛba, na mede anuonyam mɛhyɛ ofi yi ma.” (Hag. 2:7) Hwɛ sɛnea saa asɛm no abam! Wohyiraa Ghana baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ mprempren no so maa Yehowa wɔ January 30, 1988 mu. Mfe dumiɛnsa akyi no, “ade a wɔpɛ” a na wɔn dodow yɛ adawurubɔfo 34,537 no beduu 68,165 wɔ September 2001 mu.

2 Nea ɛbɛyɛ na wɔde akwankyerɛ ama wɔ asɛnka adwuma, nhoma asekyerɛ, ne kasa horow mu nhoma ahorow kyekyɛ ho no, ehia sɛ wɔtrɛw Betel adan a ɛwɔ hɔ mprempren no mu. Sɛnea munim no, yefii adansi adwuma no ase October 2, 2000, bere a Sodikuw no penee so akyi. Dɛn na wɔde bɛka adan a wɔbɛtrɛw mu no ho? Wɔreyɛ adansi adwuma no dɛn? Dɛn na adawurubɔfo ankorankoro betumi ayɛ de aboa Yehowa fie no si? Nnipa pii abisa nsɛm yi. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde adwuma no ho amanneɛbɔ bɛma.

3 Betel Foforo no Tebea Bɛyɛ Dɛn? Sɛ yewie ntrɛwmu no ne adan no siesie a, yebenya adantiaa afoforo abiɛsa a wɔbɛda mu aka ho. Sɛ yɛde ka adan dedaw a wɔda mu no ho a, ne dodow bɛyɛ adan 88 a Betelfo 176 bɛda mu. Yebesiesie ɔdan dedaw a wɔda mu no ase hɔ koraa na yɛatrɛw mu de gyaade foforo aka ho. Yɛbɛtrɛw adidibea no nso mu ma atumi afa nnipa 190. Yɛbɛyɛ Betel Fie no ho adwumayɛbea, adehorobea, adugyebea, ne adwumayɛbea afoforo wɔ saa beae yi. Esiane sɛ ɔdan yi so abansoro abiɛsa no yɛ dabere na wɔyɛ nneɛma afoforo wɔ hɔ nti, yɛde afiri a wɔde foro abansoro bɛfam dan no ho wɔ apuei fam. Yebesi ɔdan foforo a wɔbɛkyere drama agu afiri so nso wom.

4 Yebesiesie adwumayɛbea dan titiriw no atrɛw mu de adi yɛn ahiade ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, yebesiesie Ahenni Asa a ɛwɔ hɔ mprempren no ne Ahɔhogyebea no ayɛ no adwumayɛbea afoforo. Yebesiesie Amanae Dwumadibea no ayɛ nsɛmso ne dwumadibea afoforo aka ho. Yebesi Ahenni Asa foforo a ebetumi afa nnipa 227 ne Ahɔhogyebea foforo ma abɛn Betel fie kwan no ano. Eyi remma nneɛma pii ntwetwe Betel adwumayɛfo no adwene na ɛbɛma yɛadi wɔn a wɔba Betel no ahiade ho dwuma yiye ntɛm.

5 Wɔ nea yɛaka no akyi no, yebesi ɔdan bi a edi nsufĩ ho dwuma na yɛbɛtrɛw nsukorabea dan a ɛwɔ hɔ mprempren no mu ma afa nsu lita 170,000. Yɛbɛtrɛw baabi a yɛde kar sisi no mu. Yebesi ahomegye apata abiɛsa a nsrahwɛfo ne Betel abusua no mufo bɛtra ase.

6 Sɛnea Adwuma no Kɔ So: Yɛasi ɔdan a edi nsufĩ ho dwuma no awie. Yɛasi ahomegye apata abien a yetutui no wɔ baabi foforo na seesei yɛasi foforo a ɛka ho no awie. Yɛafi ɔdan a wɔda mu no ntrɛwmu ne ne siesie ase, na yɛawie gyaade foforo no. Yɛawie nsukorabea no ho adwuma na yɛasi beae a wɔde kar besisi no awie. Yɛadan beae a na yɛde kar sisi no ayɛ no bere tiaa mu Betel adehorobea kosi sɛ yebesiesie adehorobea hɔ awie ma wɔayɛ adwuma wɔ hɔ.

7 Yɛmaa adansi adwumakuw bi tuu adan abiɛsa a wɔbɛda mu no, Ahenni Asa, ne Ahɔhogyebea no fapem yɛɛ lɔre akwan no nyinaa. Wɔayɛ akwan no awie agu adan afoforo no nyinaa fapem awie. Ɛde besi nnɛ no, wɔde nnua agu adan a wɔbɛtra mu no mu biako ne Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea foforo no so awie na wogu so reyɛ mu adwuma.

8 Wofi Wɔn Pɛ Mu De Wɔn Ho Rema: Wɔapaw amanaman ntam asomfo 43 a wofi aman 13 mu ama adwuma no. Wɔn a wɔne saa anuanom a wofi amannɔne yi reyɛ adwuma no ne Ghana anuanom 60 a wɔyɛ Betel abusua no mufo a wɔyɛ adansi adwuma no. Afei nso, anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ amanaman ntam atuhoamafo tua wɔn ankasa sika de tu kwan ba ne yɛn bɛyɛ adwuma no. Hwɛ sɛnea anuanom yi ani gye bere a wɔde hokwan biara a wonya no tete adansifo no na wɔma wonya mfe pii a wɔde ayɛ adansi adwuma no so mfaso. Ɔdɔ a emu yɛ den a wɔwɔ ma Onyankopɔn no kanyan wɔn nyinaa ma wɔyɛ adwuma pa. Wɔ dapɛn no mu ne n’awiei no, wɔto nsa frɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ atuhoamafo fi asafo pii mu ma wɔbɛyɛ adwuma no bi. Mo pɛ mu a mufi boa nhyehyɛe yi denam mo bere ne mo ahoɔden a mode ma no so no yɛ ntoboa kɛse na yefi koma nyinaa mu kyerɛ ho anisɔ.

9 Wɔ honam fam adansi no akyi no, honhom fam adansi adwuma foforo bi rekɔ so. Eyi yɛ amanaman ntam onuayɛ a wɔrehyehyɛ, na ama anuanom pii a wofi aman ahorow so no de nkuranhyɛ rema wɔn ho wɔn ho kɛse. Wɔ eyi mu no, yehu ‘nnipakuw kɛse a wofi amanaman nyinaa mu’ sɛ wɔde biakoyɛ reyɛ adwuma de ama Yehowa apɛde ayɛ hɔ wɔ ɔkwan ketewa so.—Adi. 7:9.

10 “W’ahonyade” a Wode Bɛboa: Ebia ebinom rebisa sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi aboa ma wɔasi Yehowa fie, Betel no?’ Nokwarem no, esiane baabi a yɛte, yɛn akwahosan, ne nsɛm tebea foforo nti, ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ adwuma no bi ankasa. Nanso, ɔkwan bi wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi afa so anya mu kyɛfa, a baabi a yɛte no mfa ho. Yebetumi ayɛ eyi denam yɛn mpaebɔ ne ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi so. Mmebusɛm 3:9 ka sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa, NW] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.”

11 Ɔsomafo Paulo de nyansahyɛ pa bi mae wɔ 1 Korintofo 16:2 bere a ɔkae eyi no: “Daa nnawɔtwe mu da a edi kan no, mo mu biara mfa nea ebesi no yiye ama wanya no nsie, na mamma ansa na wɔayi tow no.” Esiane sɛ asafo ahorow pii yɛ saa nti, wotumi de ntoboa kɛse ka sika a wɔde mena ɔsram biara no ho. Sɛ wo nso wopɛ sɛ wode w’ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam a, wubetumi de wo ntoboa afa asafo no so ama anaasɛ wubetumi de amena baa dwumadibea hɔ tẽẽ wɔ Nungua.

12 Nokwarem no, nnwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ansa na yɛawie adansi adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, yehyia ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nea yentumi nni ho dwuma. Nanso, nokwasɛm a ɛne sɛ Yehowa ankasa resi ne fie no hyɛ yɛn nkuran. (Dw. 127:1) Momma yɛn nyinaa nkɔ so nyɛ nea yebetumi mfa mmoa adwuma yi na yɛmmɔ mpae nsrɛ Yehowa nhyira ne akwankyerɛ pii na yɛatumi asi ofie yi awie de akamfo no ahyɛ no anuonyam daa.—Sak. 4:6.

[Kratafa 3 adaka]

Betel, wɔ ntrɛwmu no akyi

[Kratafa 4 adaka]

Ahomegye apata a wɔasi wɔ mmeae foforo, Gyaade ntrɛwmu, ne Ahenni Asa ne Ahɔhogyebea foforo

[Kratafa 5 adaka]

Adwumayɛfo a wɔwɔ beae a yɛresi dan no reyɛ adwuma pa

[Kratafa 5 adaka]

Gyaade adwumayɛfo noa aduan ma Betel adwumayɛfo ne adansifo bɛboro 250

[Kratafa 6 adaka]

Amanaman ntam anuanom reyɛ adansi adwuma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena