Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Sɛ obi kyerɛ ho anigye wɔ sankɔhwɛ mu a, fa no ka wɔn a woma wɔn nsɛmma nhoma daa no ho. Fa Ahwehwɛde nhomawa no ma a adwene no ne sɛ wubefi Bible adesua ase. June: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? anaasɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi a, fa nhomawa a ɛfata a mo asafo no wɔ bi no ma wɔn. July ne August: Wubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So? Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Wubetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? ama wɔ baabi a ɛfata.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ moyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a mode sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ama awie no.
◼ Sɛ ebedu ɔsram biara da a ɛto so 25 na ɔhwɛfo guamtrani no nsa nkaa wɔn asafo no ɔsram a edi hɔ no Yɛn Ahenni Som a, ɛsɛ sɛ ɔfrɛ Betel Nsɛmma Nhoma Dwumadibea no wɔ telefon so.
◼ Nhoma Foforo a Ebi Aba:
So Wobɛpɛ sɛ Wuhu Pii Fa Bible no Ho? (Kratawa a Ɛto so 26)—Arabic, Ewe
Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu (Nea Ne Nkyerɛwee Yɛ Akɛse)—Engiresi
◼ Nhoma a Ebi Asan Aba:
Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn—Ewe
Anidaso Bɛn na Ɛwɔ Hɔ Ma Yɛn Adɔfo a Wɔawuwu? (Kratawa a Ɛto so 16)—Engiresi
◼ Kasɛt Foforo a Ebi Aba:
Respect Jehovah’s Authority (Drama, kasɛt biako)—Engiresi
◼ Video Foforo a Ebi Aba:
Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa—Po 2—Amerika Mum Kasa
Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn—Amerika Mum Kasa
◼ Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw “check” a wɔde yi ntoboa wɔ ɔmantam nhyiam ase ne nea wɔde mena baa dwumadibea no so sɛ wontua mma “Watch Tower.”