Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ June 30, 2003 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntimu a egyina nsɛm a wodii ho dwuma wɔ May 5 kosi June 30, 2003 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de hwehwɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]
ƆKASA SU
1. Sɛ obi rema ɔkasa a, adɛn nti na ɛnne nsakrae ho hia, na ɔbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? [be-TW kr. 111 adaka; kr. 112 adaka]
2. Ɛmfa ho mpo sɛ ɔkasafo bi gye nea ɔreka no di na ɔdɔ Yehowa no, dɛn nti na ebetumi aba sɛ ɔrenna anigye adi? [be-TW kr. 115 nky. 3-4; kr. 116 nky. 1]
3. Dɛn na ɛbɛboa ɔkasafo bi ma wada ɔhyew ne nkate adi wɔ ne kasa mu, na dɛn nti na ɛho hia? [be-TW kr. 119 nky. 1-4]
4. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ anigye, ɔhyew, ne nkate afoforo a ɛwɔ ɔkasa bi mu fata? [be-TW kr. 120 nky. 2-5]
5. Ampa Anaa Atoro: Wo nipadua a wode bedi dwuma ne w’anim yɛbea ho hia bere a w’atiefo no rehwɛ wo nkutoo. Kyerɛkyerɛ mu. [be-TW kr. 121 nky. 3]
DWUMADI 1
6. Dɛn na ɛboaa Yosia ma ɔfaa ɔkwan pa so ɛmfa ho sɛ ohyiaa nsɛnnennen wɔ ne mmofraase? (2 Be. 34:1, 2) [w01-TW 4/15 kr. 26 nky. 3–kr. 27 nky. 5; kr. 28 nky. 4]
7. Mmebusɛm 9:7, 8a no kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma wɔ asɛnka mu? [w01-TW 5/15 kr. 29 nky. 4-5]
8. Dɛn na na Yehowa kyerɛ bere a ɔka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, ‘Mma wo werɛ mmfi’ no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati awerɛfiri? (Deut. 4:9; 8:11) [be-TW kr. 20 nky. 1-3]
9. Ɔkwan bɛn so na Dawid nsɛm a efi koma mu a ɛwɔ Dwom 32:1, 5 ne nea ɛwɔ Dwom 51:10, 15 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obi te nka sɛ ɔyɛ obi a mfaso nni ne so bere a wayɛ bɔne a emu yɛ duru na akyiri yi wada nokware ahonu adi no? [w01-TW 6/1 kr. 30 nky. 1-3]
10. Dɛn na yebetumi asua afi akwankyerɛ a Paulo de mae wɔ 1 Timoteo 5:3-16 a ɛfa wɔn a ahia wɔn a yɛbɛhwɛ wɔn ho no mu? [w01-TW 6/15 kr. 10 nky. 3]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn na na Yesu rekyerɛ bere a ɔde asɛmfua ‘awo foforo’ dii dwuma sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Yohane 3:3 no? [w95-TW 7/1 kr. 9-10 nky. 4-5]
12. Ɔkwan bɛn so na Yesu de ntetee a onyae no dii dwuma, na asuade a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi asua afi eyi mu? (Yoh. 7:15-18) [w96-TW 2/1 kr. 9-10 nky. 4-7]
13. Dɛn nti na Yohane 7:53–8:11 nka New World Translation mu nkyekyɛm no ankasa ho?
14. Ɔkwan bɛn so na Yesu “bɛba saa ara” sɛnea ɔforo kɔɔ soro no? (Aso. 1:11) [w90-TW 6/1 kr. 4 nky. 5]
15. Sɛnea wɔaka wɔ Asomafo no Nnwuma 5:13 no, dɛn nti na “wɔn a aka no mu biara ansi ne bo sɛ ɔde ne ho bɛbɔ wɔn [asuafo no] ho”?