Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/03 kr. 2
  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
  • Yɛn Ahenni Som—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase June 9
  • Dapɛn a Efi Ase June 16
  • Dapɛn a Efi Ase June 23
  • Dapɛn a Efi Ase June 30
  • Dapɛn a Efi Ase July 7
Yɛn Ahenni Som—2003
km 6/03 kr. 2

Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe

Dapɛn a Efi Ase June 9

Dwom 81

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a Wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde June 15 Ɔwɛn-Aban ne July 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Fa kyerɛwsɛm di dwuma wɔ emu biara mu.

15 min: “Kristofo Som Adwuma No—Yɛn Adwuma Titiriw.”a Hyɛ mmabun nkuran ma wonsusuw nhyira a sɛ wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma mu a wobetumi anya no ho. Fa asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a ɛne “Bere a Amammerɛ ne Ahonim Di Asi” a ɛwɔ November 1, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19-20 mu nsɛm ka ho.

20 min: “So Wubetumi De Wo Fie Ama?” Ɔkasa a nhoma adesua sohwɛfo ma. Fa April 2001 ne March 1990 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã mu nsɛm ka ho. Ka nhoma adesua akuw dodow a mo asafo no wɔ ne nnipa dodow a sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔba. Ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka mfaso a wɔne wɔn mmusua anya wɔ nhoma adesua a wɔyɛ wɔ wɔn fie no so.

Dwom 190 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 16

Dwom 55

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

12 min: Asafo mu ahiade.

25 min: “Yehowa Adansefo 2003 ‘Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam’ Ɔmantam Nhyiam.”b Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 9 ho a, si ɔkyerɛwfo no dwumadi sɛ nhyiam nsɛm sohwɛfo no so dua. Si hia a ɛho hia sɛ ɛnsɛ sɛ obi kɔ amanaman ntam nhyiam no bi bere a wɔnkae sɛ ne mansin nkɔ bi no so dua. Kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔayɛ wɔn nhyiam ho nhyehyɛe ntɛm.

Dwom 147 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 23

Dwom 95

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde July 1 Ɔwɛn-Aban ne July 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ ɔyɛkyerɛ ahorow no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no nyɛ no sɛnea ɔredi adanse wɔ borɔn so.

20 min: Dɛn na Wubetumi Ayɛ Wɔ Abasamtu Ho? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina November 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-9, de kosi asɛmti ketewa a ɛne “Adwempa a Wubenya” so, a asɛmti ketewa no ka ho. Munsusuw nyansahyɛ ahorow ne Kyerɛwnsɛm mu afotu ho. Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo biako anaa baanu nka nea aboa wɔn ma wɔakura anigye mu wɔ ɔsom adwuma mu no ho asɛm.

15 min: “Asɛm a Yɛbɛka Wɔ Wiase a Ɛsakra Daa Mu.”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2-3 ho a, ma atiefo no nka nsɛm foforo a asisi a wobetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase wɔ mo mpɔtam hɔ ho asɛm. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma wɔmfa nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔaka ho asɛm no mu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa.

Dwom 15 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase June 30

Dwom 3

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa June asɛnka akontaabu mma. Ka nhoma a yɛde bɛma July ne August ho asɛm. Twe adwene si nhomawa abien a mowɔ bi so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ abien a wɔasiesie no yiye a ɛfa sɛnea wɔde bɛma wɔ asɛnka mu ho. Sɛ wopɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ho nyansahyɛ a, hwɛ July 1998, Yɛn Ahenni Som, kratafa 8. Wubetumi anya nsɛm a wɔka kyerɛ afoforo wɔ Watch Tower Publications Index mu, wɔ “Presentations” (Nsɛm a Wɔka Kyerɛ) ne asɛmti ketewa a wɔde ahyɛ mfinimfini a ɛne “List by Publication” (Nhoma a Nsɛm no Wom a Wɔahyehyɛ) no ase.

15 min: “Wɔadi Dɛm—Nanso Wɔsow Aba.”d Fa nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea afoforo betumi aboa a egyina August 22, 1990, Engiresi Nyan!, kratafa 22-3, asɛmti ketewa “What Can Be Done?” (Dɛn na Yebetumi Ayɛ?) so ka ho.

20 min: Fa Onyankopɔn Asɛm Di Dwuma Yiye Fa Ka Ahenni no Ho Asɛm. Atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Yɛbɔ mmɔden ka Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɛfa Ahenni no ho a ɛma denhyɛ kyerɛ onipa biara a yehyia no asɛnka mu. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii sen Bible mu nsɛm a yɛbɛkenkan kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu, ma mfatoho, na yɛde di dwuma. Fa kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so wɔ Reasoning nhoma no kratafa 154-5, wɔ asɛmti ketewa a wɔakyeakyea no “Human rulers are not providing what mankind urgently needs” (Nnipa sodifo mfa nea adesamma hia no ntɛm ara mma wɔn) ase kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi ayɛ eyi mu. Wɔ nkɔmmɔbɔ no akyi no, ma ɔdawurubɔfo a wasiesie ne ho yiye nyɛ sɛnea wɔde kyerɛwsɛm biako di dwuma yiye wɔ sankɔhwɛ mu de nkyerɛkyerɛmu tiawa ne mfatoho a asete nyɛ den ma, na wɔde asɛm no di dwuma tiawa de ma ofiewura no hu sɛnea obenya Ahenni nniso no so mfaso ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔdawurubɔfo no nkenkan kyerɛwsɛm no mfa mfi ɔyɛkyerɛ no ase. Wɔ ɔyɛkyerɛ no akyi no, ka sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ kyerɛwsɛm no mu, maa mfatoho, na ɔde dii dwuma no ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wontumi mfa Onyankopɔn Asɛm no nni dwuma yiye.

Dwom 171 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase July 7

Dwom 165

5 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: Asafo mu osuahu ahorow. Ma mo asafo no adawurubɔfo nka osuahu ahorow a wɔanya anaasɛ wɔnka na wɔnyɛ ho ɔyɛkyerɛ (1) bere a wɔredi mmusuakuw anaa nkurɔfo a ɛsono kasa a wɔka adanse anaa (2) bere a wɔredi adanse wɔ tebea foforo mu a ɛnyɛ afie afie asɛnka ne borɔn so adwuma mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa Good News for All Nations ne “Please Follow Up” (S-43) kratasin no nni dwuma bere a wohyia wɔn a ɛsono kasa a wɔka no.—Hwɛ September 1999 Yɛn Ahenni Som, kratafa 7, Nkaebɔ Ahorow.

25 min: “Onyankopɔn Din a Yɛbɛma Wɔahu.”e Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, fa nsɛm a ɛwɔ adaka mu, “Making Known the Name of God” (Onyankopɔn Din a Wɔbɛma Wɔahu) a ɛwɔ Proclaimers nhoma no kratafa 124 mu nsɛm ka ho. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ. Fa kyerɛw nsɛm abien anaa abiɛsa a ɛwɔ Reasoning nhoma no kratafa 196-7 di dwuma fa kyerɛ nea enti a ɛho hia sɛ wobehu Onyankopɔn din ankasa na wɔde adi dwuma.

Dwom 197 ne mpaebɔ a wɔde wie.

[Ase hɔ nsɛm]

a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena