Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase December 8
Dwom 221
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no yɛ ɔyɛkyerɛ abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban ne December 8 Nyan! no bɛma. Wobetumi de kyerɛwsɛm foforo a ɛnyɛ nea ɛwɔ kratafa 8 no adi dwuma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ no biako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma ma wɔ kar anaa tebea foforo a ɛfata mu.
20 min: “Kristofo Biakoyɛ—Ɛyɛ Dɛn na Ɛba?”a Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 no ho a, ma atiefo nka osuahu a wɔn ankasa nyae wɔ amanaman ntam nhyiam no ase ne asafo no adansi, anaa adwuma a wɔyɛ de boa wɔn a asiane to wɔn a esi Kristofo biakoyɛ so dua ho asɛm.
15 min: “Teokrase Ɔsom Sukuu Ma 2004.” Ɔkasa a sukuu sohwɛfo ma. Fa krataa a ɛhyɛ October 2003 Yɛn Ahenni Som mu no mu nsɛm ka ho.
Dwom 108 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 15
Dwom 71
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔnhwɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no mfa nsiesie wɔn ho mma ɛho a wobesusuw wɔ December 29 dapɛn Ɔsom Nhyiam no ase. Munsusuw ɔfã a ɛne “Kɔ Wɔn Nkyɛn Ntɛm” no ho. Sɛ mowɔ S-70 krataa no bi a, fa kyerɛ wɔn. Ka asɛnka ho nhyehyɛe titiriw a moayɛ ama December 25 ne January 1 ho asɛm.
15 min: Kokoam Adesua—Ɛka Yɛn Som Ho. Ɔkasa a egyina October 1, 2000, Ɔwɛn-Aban no kratafa 14-15, nkyekyɛm 6-10 so.
20 min: “Boa Wɔn a Wɔwɔ Koma Pa No.”b Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma.
Dwom 42 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 22
Dwom 10
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka August akontaabu no mu adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo no ho asɛm na kamfo wɔn nyinaa sɛ wɔde wɔn akontaabu mae ntɛm. Ma wɔmfa kratafa 8 hɔ nyansahyɛ ahorow no nyɛ ɔyɛkyerɛ ahorow abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde December 15 Ɔwɛn-Aban ne December 8 Nyan! no bɛma. Emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔde nsɛmma nhoma no abien ma, ɛwom sɛ emu biako pɛ na wɔbɛka ho asɛm de. Kae obiara wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam titiriw a yebesusuw Patient Needs and Rights video ne “Advance Medical Directive/Release” kratasin ne ayaresa ho tumi krataa (DPA) na yɛakyekyɛ no ho.
15 min: “Nsɛm a Ɛbɛkae Yɛn Ma Yɛadi Mogya Ho Nsɛm Ho Dwuma.”c Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma.
18 min: “Sɛnea Yɛbɛhwehwɛ Wɔn a Wɔsɛ.”d Ma asɛm no mfa mo asafo no ho. Bere bɛn na ɛda adi kɛse sɛ mobɛto nnipa wɔ fie? Dɛn na afi asɛnka a moyɛ anwummere no mu aba? Akwan bɛn na mubetumi afa so akɔ nnipa a wɔntaa ntra fie no nkyɛn?
Dwom 209 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 29
Dwom 200
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ adawurubɔfo nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn December asɛnka akontaabu mma. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma January.
17 min: “Video a Ɛma Yehu Nea Ɛrekɔ So Wɔ Ayaresa Mu.” Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Kenkan Asomafo no Nnwuma 15:28, 29, na fa bere tiaa bi si so dua sɛ ade titiriw a enti Kristofo nnye mogya ne sɛ wobedi mmara a Onyankopɔn ahyɛ afa mogya ho no so. Afei momfa nsɛmmisa a wɔde ama no nsusuw Patient Needs and Rights video no ho. Kenkan nkyekyɛm a etwa to no fa wie.
23 min: Ahotoso a Yɛde Bedi Ayaresa Ho Nsɛm Ho Dwuma. Ɔkasa a ɔpanyin a ɔfata ma bere a ɔde krataa a baa dwumadibea no de ama di dwuma no. Ka ɔfã a ɛne “Nneɛma a Ɛbɛboa Ma Yɛatwe Yɛn Ho Afi Mogya Ho” no mu nsɛntitiriw kyerɛ.
Dwom 182 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 5
Dwom 103
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
15 min: Mo Brɛ Renyɛ Kwa. (1 Kor. 15:58) Atiefo nkɔmmɔbɔ. Di kan yɛ nhyehyɛe ma adawurubɔfo a wɔde mfe pii ayɛ asɛnka adwuma no nka sɛnea na adwuma no te mfiase no ho asɛm. Na nnipa baahe na wɔwɔ asafo no mu? Na asasesin a wɔde maa asafo no kɛse te dɛn? Ɔkwan bɛn so na nkurɔfo tiee Ahenni asɛm no? Ɔsɔretia bɛn na wohyiae? Ɔkwan bɛn so na Ahenni adwuma no mu atrɛw wɔ mo mpɔtam hɔ wɔ mfe a atwam no mu?
10 min: Asafo mu ahiade.
15 min: “Awofo—Mo Ankasa Monhwɛ Mo Mma.”e Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma.
Dwom 7 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.