Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
MONHYƐ NO NSOW: Yɛn Ahenni Som no bɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ bere a yɛbɛyɛ ɔmantam nhyiam no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na wɔatumi akɔ “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam no bi. Momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo hɔnom tebea ho no mu. Wɔ February mu no, wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam biako de atĩ nhyiam dwumadi no nsɛntitiriw mu. Nea ɛbɛyɛ na yɛasiesie yɛn ho ama nsɛm a yebesusuw ho no, yɛn nyinaa betumi ayɛ kyerɛwtohɔ a mfaso wɔ so wɔ nhyiam no ase, a ebi ne nsɛm a yɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn abrabɔ ne asɛnka mu. Afei yebetumi akyerɛ sɛnea yɛde saa nyansahyɛ ahorow no adi dwuma de ahyɛ afoforo nkuran.
Dapɛn a Efi Ase November 8
Dwom 180
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: “Momma Yɛmmom Mma Ne Din So.” Ɛsɛ sɛ asafo mu kyerɛwfo yɛ dwumadi yi na ɔde nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Kyerɛ nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi no. Wɔahyehyɛ bere a dwumadi no befi ase wɔ krataa a ɛhyɛ June 2004 Yɛn Ahenni Som mu no mu. Wubetumi asi krataa a ɛhyɛ mu no mu nsɛm a ɛho behia mo no so dua.
20 min: “Honhom Fam Aduan wɔ Bere a Ɛsɛ Mu.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ma atiefo baanu anaa baasa nka nhyiam a wɔkɔe a wɔda so ara kae ho asɛm tiawa. Bisa nsɛm abien anaa abiɛsa fi asɛm “Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu,” a yebesusuw ho wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam ase no mu fa wie.
Dwom 80 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 15
Dwom 170
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 hɔ no fata mo asafo no asasesin a, momfa nyɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ne November 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biara mu no, kyerɛ ɔkwan foforo a wɔfa so bua asɛm a wɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan, a ɛne “M’ani nnye Yehowa Adansefo Ho” no.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no kratafa 9-10.
15 min: “Monyɛ Kronkron Abrabɔ Nyinaa Mu.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Ma atiefo nka sɛnea wɔahu sɛ suban pa a anuanom da no adi wɔ ɔmantam nhyiam ase no hyɛ Yehowa anuonyam no ho asɛm.
20 min: “Ahosiesie a Ɛho Tew na Ɛfata.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Sɛ bere wom a, monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no na munsusuw ho.
Dwom 164 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 22
Dwom 199
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.
15 min: Asɛmmisa Afã. Ɔkasa a ɔpanyin ma.
20 min: : “Kɔ So Yɛ Ade Ntɛm So!” Fa January 15, 2000, Ɔwɛn-Aban, kratafa 12-13 mu nsɛm ka ho.
Dwom 19 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase November 29
Dwom 23
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo na wɔmfa November asɛnka akontaabu mma. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 hɔ no fata mo asafo no asasesin a, momfa nyɛ sɛnea wɔde November 15 Ɔwɛn-Aban ne November 22 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so de ama.
15 min: Nya Ɔsom Nhyiam no So Mfaso Kɛse. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe nhoma no kratafa 71-2 so. Akwan anum bɛn so na Ɔsom Nhyiam no boa yɛn ma yetu mpɔn sɛ Kristofo asomfo? Fa ɔsram yi dwumadi ma ɛho nhwɛso. Sɛ yedi kan siesie yɛn ho a, mfaso bɛn na yenya fi mu? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛba daa? Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn nti na ɛma yɛyɛ nhyiam yi?
20 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 3.” Fa nsɛmmisa a wɔde ama no di dwuma. Bere a moasusuw nkyekyɛm 3 ho awie no, ma wɔmfa Ahwehwɛde nhomawa no adesua 5, nkyekyɛm 1 no nyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa. Wɔakenkan nkyekyɛm no ama wabua asɛmmisa no dedaw. Afei nea ɔrehwɛ adesua no so ne osuani no kenkan Yesaia 45:18 ne Ɔsɛnkafo 1:4 na wosusuw ho. Adesua sohwɛfo no bisa nsɛm ntiantia na ama osuani no akyerɛkyerɛ sɛnea kyerɛwsɛm no mu biara fa asɛm a wɔresusuw ho no ho mu.
Dwom 178 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 6
Dwom 96
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ December mu no ho asɛm. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ biako anaa abien mfa nkyerɛ sɛnea wobetumi de Onipa a Ɔsen Biara nhoma no ama.
15 min: Wunim Anigye a Ɛwɔ Ɔma Mu No? Ɔkasa a egyina November 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, kratafa 19-23 so.
20 min: “Wubetumi Aboa Afoforo?” Bisabisa ɔdawurubɔfo biako anaa baanu a wɔn ani sɔɔ mmoa anaa nkuranhyɛ a afoforo de maa wɔn no nsɛm.
Dwom 91 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.