Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/04 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahobrɛase Ho Da So Ara Hia?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wokɔ Sɔhwɛ Mu Mpo a Wubetumi Akɔ So Abrɛ Wo Ho Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Wo Som Adwuma Sesa a, Ɛbɛyɛ Dɛn Na W’ani Akɔ So Agye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • “Ahobrɛasefo Na Nyansa Ne Wɔn Te”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2004
km 11/04 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ asafo nnwuma horow?

Nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ Yehowa nkurɔfo asafo mu no nyinaa fi nkabom a wɔn nyinaa de yɛ ade no. (1 Kor. 14:33, 40) Wode, susuw nea egye ansa na wɔayɛ asafo nhyiam biako pɛ no ho hwɛ. Sɛ nhyiam dwumadi no da nkyɛn a, anuanom mmarima ne mmea di kan yɛ nnwuma pii ansa na nhyiam no afi ase na sɛ wɔpɔn nso a wɔyɛ nnwuma horow saa ara. Nnwuma no bi wɔ hɔ a ɛnna adi mma afoforo nhu nanso ɛho hia. Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi aboa ma nhyehyɛe yi akɔ so?

Tu wo ho ma. Wɔn a woyi wɔn yam yɛ ade no benya nnwuma pii ayɛ. (Dw. 110:3) Ma ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim no asɛm nhia wo. Boa ma wonsiesie Ahenni Asa so. Yebetumi afi yɛn pɛ mu ayɛ nnwuma a mfaso wɔ so pii bere a wɔnhyɛɛ da nka nkyerɛɛ yɛn. Nea ehia ara ne sɛ yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛboa.

Fa ahobrɛase som. Ahobrɛasefo ani gye sɛ wɔsom afoforo. (Luka 9:48) Ahobrɛase remma yɛnnye nnwuma a ɛboro yɛn so mmɔ so. Bio nso, ahobrɛase remma yɛnyɛ ade mmoro nea yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ so.—Mmeb. 11:2.

Yɛ ɔnokwafo. Wɔhyɛɛ Mose nkuran sɛ ɔmpaw ‘mmarima anokwafo’ mfa asɛyɛde nhyehyɛ wɔn nsa wɔ tete Israel. (Ex. 18:21) Su a ɛte saa ho hia nnɛ nso. Fa ahonim pa yɛ adwuma biara a wɔde bɛma wo no yiye. (Luka 16:10) Sɛ worentumi nyɛ adwuma bi a, hwɛ sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe ama obi asi w’ananmu.

Yɛ nea wubetumi nyinaa. Wɔhyɛ Kristofo nkuran sɛ womfi wɔn koma nyinaa mu nyɛ ade wɔ honam fam nnwuma mu mpo. (Kol. 3:22-24) Enti ntease wom sɛ wobɛyɛ saa bere a woreyɛ adwuma de ama nokware som anya nkɔso no. Sɛ ɛreyɛ ayɛ sɛ adwuma a wɔde ama wo no ba fam anaa esua mpo a, yɛ a wobɛyɛ no yiye no bɛboa asafo no.

Adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa no ma yenya hokwan da ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom adi. (Mat. 22:37-39) Adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa no, momma yɛmfa nokwaredi nyɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena