Ɔfã 5—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Sɛnea Wubehu Nsɛm Dodow a Mubesua
1 Yesu rekyerɛkyerɛ no, na osusuw n’asuafo no ahoɔden ho ma enti ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn “sɛnea wotumi te ase.” (Marko 4:33; Yoh. 16:12) Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no, ehia sɛ nnɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no hu nsɛm dodow a ɛfata sɛ wɔne osuani no sua wɔ bere pɔtee bi mu. Nsɛm dodow a wobetumi asua no begyina Bible kyerɛkyerɛfo no ne osuani no nyinaa mmɔdemmɔ ne wɔn nsɛm tebea so.
2 Hyehyɛ Gyidi a Ɛyɛ Den: Nsɛm a asuafo bi besua no pɛnkoro ate ase no, ebinom de saa bere no mmɔho mmienu anaa mmiɛnsa na ɛbɛte ase. Ɛho hia sɛ yɛboa osuani no ma ɔte nsɛm ase yiye sen sɛ yɛde ntɛmpɛ ne no besua nsɛm pii wɔ bere tiaa bi mu. Ehia sɛ osuani biara nya Onyankopɔn Asɛm mu gyidi foforo a egyina ntease pa so.—Mmeb. 4:7; Rom. 12:2.
3 Dapɛn biara moyɛ adesua no a, nya adagyew boa osuani no ma ɔnte nea ɔresua wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase na onye ntom. Sɛ wode ahopere yɛ adesua no a, ɛremma osuani no nnya so mfaso kɛse. Enti to wo bo ase twe adwene si adesua no mu nsɛntitiriw so na nya bere fa susuw kyerɛw nsɛm atitiriw a ɔkyerɛkyerɛ no gyina so no ho.—2 Tim. 3:16, 17.
4 Ma Adwene Nkɔ Adesua no So: Ɛwom sɛ yɛmpɛ sɛ yɛde ahopere yɛ adesua no de, nanso yɛmpɛ sɛ biribi foforo biara twe yɛn adwene fi adesua no so. Sɛ osuani no wɔ ne nsɛnhia bi a ɔpɛ sɛ ɔto ne bo kyerɛkyerɛ mu a, ebehia sɛ yesusuw eyi ho bere a yɛawie adesua no.—Ɔsɛnk. 3:1.
5 Ɔkwan foforo so no, etumi ba sɛ nokware no ho anigye kɛse a yɛwɔ nti yɛtaa kasa pii bere a yɛreyɛ adesua no. (Dw. 145:6, 7) Sɛ ɛwom ara na sɛ wode osuahu anaa asɛm tiawa bi bɛhyɛ mu a, etumi ma adesua no tu mpɔn. Nanso yɛmpɛ sɛ eyinom bɛdɔɔso anaa ɛbɛyɛ tenteenten a ɛremma osuani no nhu mfitiase Bible nkyerɛkyerɛ no mu yiye.
6 Sɛ yesusuw nsɛm dodow a ɛfata ho wɔ adesua biara mu a, yɛnam so boa Bible asuafo no ma ‘wɔnantew Yehowa hann mu.’—Yes. 2:5.