Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase February 14
Dwom 174
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Sɛ nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 hɔ no fata mo asafo no asasesin no a, fa yɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban ne February 8 Engiresi Nyan! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Tĩ ɔkwan a yebetumi afa so adan sɛnea wɔde nhoma ma ho nhwɛso a yɛde bedi dwuma no mu ama afata nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no mu tiawa.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 8.
15 min: “Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ—Ɔfã 6”a Ma wɔmfa simma anan nyɛ ɔyɛkyerɛ a Bible suani bi bisa nea nti a nnipa a wɔba Nkaedi no mu kakraa bi na wodi abodoo na wɔnom bobesa no bi no. Onua a ɔreyɛ adesua no kamfo no wɔ n’asɛmmisa no ho, na ɔkyerɛw to hɔ. Afei ɔde nyansahyɛ ma sɛ wonsusuw dapɛn no mu adesua no ho nwie ansa na wɔaba n’asɛmmisa no so. Bere a wɔawie adesua no, onua a ɔreyɛ adesua no twe osuani no adwene si Reasoning nhoma no nkratafa 267-8 a asɛmmisa a ɛwɔ hɔ ne “Henanom na wodi abodoo na wɔnom bobesa no bi?” no so. Wɔbom kenkan, na afei osuani no kyerɛ sɛ wate n’asɛmmisa no ho mmuae a emu da hɔ no ase.
20 min: “Ɔsatu Titiriw a Yɛde Bɛkyekyɛ Nhomawa Foforo No.”b Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Ma wɔmfa nyansahyɛ a wɔde ama no nyɛ ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biako mu no, ofiewura no nkyerɛ Kyerɛwnsɛm no ho anigye kɛse, ma enti sɛ́ anka ɔde nhomawa no bɛma no no, ɔde kratawa mmom ma no.
Dwom 69 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 21
Dwom 31
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Tĩ nhyehyɛe a moayɛ ama ɔsatu titiriw a mode bɛkyekyɛ nhomawa foforo no mu tiawa.
35 min: “Nkaedi Bere—Bere a Yebetumi Ayɛ Pii.”c Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo di ho dwuma. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 6 ho a, fa October 8, 2004 Nyan!, nkratafa 28-29 no mu nsɛm ka ho. Bobɔ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma mu no din. Ka asɛnka nhyiam bere foforo ho nhyehyɛe a moayɛ de aka ho no ho asɛm. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa kwan ahorow so nyɛ pii wɔ Onyankopɔn som ho wɔ Nkaedi bere yi mu.
Dwom 21 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 28
Dwom 42
7 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa February asɛnka akontaabu mma. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 6 hɔ no nhwehwɛ nsɛm a wɔkyerɛw too hɔ wɔ nhyiam ase no mu mfa nsiesie wɔn ho mma atiefo nkɔmmɔbɔ a yɛde besusuw “Mo Ne Onyankopɔn Nnantew” Ɔmantam Nhyiam dwumadi ho wɔ dapɛn a edi hɔ Ɔsom Nhyiam ase no. Munsusuw nsɛntitiriw a ɛwɔ adaka a ɛne “Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow” mu no ho.
20 min: “Monna Yehowa Ase Wɔ N’adɔe Ho.”d Ka bere ne beae a mobɛyɛ Nkaedi no, ɔkasafo no din ne nsɛm afoforo a ɛho hia. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɛkyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi reto nsa afrɛ obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa sɛ ɔmmra Nkaedi no bi. Sɛ monkyekyɛɛ Nkaedi nsaano krataa a wɔde to nsa frɛ afoforo no mmaa adawurubɔfo dedaw a, ɛsɛ sɛ mode ma wɔn bere a nhyiam no aba awiei no.
18 min: Ma Wɔn a Wɔyɛ Mmerɛw no Ho Asɛm Nhia Wo. (Aso. 20:35) Bere a womma wo nnianim nsɛm nni simma biako no, fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so na momfa nsusuw July 1, 2004, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 17-18, nkyekyɛm 12-16 no ho. Monyɛ no sɛnea yɛyɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no ara. Ma onua a n’akenkan mu da hɔ nkenkan nkyekyɛm no. Fa w’adwene si sɛnea mubetumi de emu nsɛm no adi dwuma wɔ Nkaedi ne ɔkasa titiriw a ɛrenkyɛ ɛbɛba so no so.
Dwom 72 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 7
Dwom 12
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nhomawa foforo a ɛresow aba pa wɔ mo asafo no asasesin mu no ma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ bere wom a, ma wɔnka osuahu ahorow a wonyae wɔ ɔsatu titiriw yi mu nkyerɛ.
37 min: “Ɔmantam Nhyiam Kanyan Yɛn ma Yɛne Onyankopɔn Nantew.”e Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Sɛ wode simma biako anaa nea ennu saa ka wo nnianim asɛm wie a, fa nsɛmmisa a wɔde ama wɔ asɛm no mu no yɛ atiefo nkɔmmɔbɔ na momfa nsusuw ɔmantam nhyiam dwumadi no ho. Kyekyɛ wo bere no mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wode bere a ɛfata besusuw asɛmmisa no biara ho, ebia nsɛmmisa no bi wɔ hɔ a ebehia mmuae biako pɛ. Bere remma kwan ma monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no nyinaa; wɔde eyi aka ho na ama ayɛ mmerɛw sɛ mubehu mmuae no. Ɛsɛ sɛ mmuae no twe adwene si mfaso a yebenya afi nea yɛasua a yɛde bedi dwuma no so.
Dwom 165 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.