Yehowa Da No Abɛn
1 Kristofo retwɛn Yehowa da a ɛreba no denneennen. Ɛno mu na ɔbɛsɛe wiase nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi na ɔde wiase foforo a trenee bɛtra mu aba. (2 Pet. 3:12, 13) Esiane sɛ yennim bere pɔtee a saa da no bɛba nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so wɛn na yɛboa afoforo ma wɔn nso wɔwɛn. (Hes. 33:7-9; Mat. 24:42-44) Yesusuw Onyankopɔn nkɔmhyɛ Asɛm ho a, ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ ‘Yehowa da kɛse no abɛn’ no mu den.—Sef. 1:14.
2 Wiase Tumidi a Edidi So: Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 17:9-11 no, ɔsomafo Yohane kaa “ahemfo baason” a wɔyɛ wiase tumidifo baason a wobedidi so aba ho asɛm. Yohane kaa “ɔhene a ɔto so awotwe” a ogyina hɔ ma Amanaman Nkabom no nso ho asɛm. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wiase tumidifo afoforo bi nso kwan? Dabi, efisɛ nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ ɔhene a ɔto so awotwe yi ‘kɔ ɔsɛe mu,’ a ɛnka asase so ahemfo foforo biara ho asɛm bio. Saa nkɔmhyɛ yi ma wuhu baabi a yɛadu?
3 Daniel 2:31-45 boa ma yehu sɛnea Yehowa da no bɛba. Wɔ saa nkɔmhyɛ no mu no, ohoni kɛse a Nebukadnesar soo dae hui no gyina hɔ ma wiase tumidi ahorow a ebedidi so aba no. Saa tumidi yi mu biara aba dedaw. Tumidi no mu nea ɛwɔ he na ɛredi tumi nnɛ? Yɛwɔ bere a ohoni no nan twa ho mfonini no mu. Nkɔmhyɛ no kyerɛ nea ɛbɛtoa so aba no mu pefee. Wɔbɛsɛe nnipa nniso pasapasa ma “ahenni a wɔrensɛe no da” abesi ananmu. Eyi ma wutumi hu sɛnea Yehowa da no abɛn afa?
4 Adanse Foforo: Yɛde yɛn ani hu adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa da no abɛn. Yehu suban a nnipa ada no adi wɔ “nna a edi akyiri” yi mu ma enti ɔsomafo Paulo nkɔmhyɛ no abam no. (2 Tim. 3:1-5) Afei nso adanse a ɛsɛ sɛ yedi wɔ wiase nyinaa ansa na awiei no aba no rekɔ so. (Mat. 24:14) Momma yɛnkɔ so nyɛ yɛn asɛnka adwuma no ntɛmso sɛnea ɔbɔfo a ɔkaa eyi yɛe no: “Munsuro Nyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ bere a ɔde bebu atɛn no adu.”—Adi. 14:6, 7.