Ɔfã 9—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Kyerɛkyerɛ Asuafo Ma Wonni Adanse Bɔnnɔ So
1 Bere a Andrea ne Filipo behui sɛ Yesu ne Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no, wɔamfa anigyesɛm no ansie na mmom wɔkaa ho asɛm kyerɛɛ afoforo. (Yoh. 1:40-45) Saa ara na ɛte nnɛ. Sɛ Bible asuafo fi ase gye nea wɔresua no di a, ɛka wɔn ma wɔka ho asɛm. (2 Kor. 4:13) Yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ wɔn nkuran akyerɛkyerɛ wɔn ma wɔadi adanse yiye wɔ bɔnnɔ so?
2 Wubetumi abisa osuani no tiawa sɛ ebia waka nea wasua afi Bible mu no ho asɛm akyerɛ afoforo anaa. Ebia nnamfonom ne abusuafo bi wɔ hɔ a obetumi afrɛ wɔn abɛka n’adesua no ho. Bisa no sɛ ebia ne mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, anaa amannifo bi akyerɛ asɛmpa no ho anigye a. Ɔnam saa akwan yi so betumi afi ase adi adanse. Boa no ma onhu hia a ehia sɛ ɔde nhumu, obu ne ayamye ka Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ho asɛm kyerɛ afoforo no.—Kol. 4:6; 2 Tim. 2:24, 25.
3 Wɔn Gyidi Ho Adansedi: Ɛho hia paa sɛ yɛtete Bible asuafo ma wɔde Onyankopɔn Asɛm di wɔn gyidi ho adanse. Sɛ mudu adesua no afã bi so a, bisa osuani no sɛ: “Wobɛyɛ dɛn de Bible no akyerɛkyerɛ nokwasɛm yi mu akyerɛ w’abusuafo?” anaasɛ “Bible mu asɛm bɛn na wode besi asɛm yi so ama w’adamfo bi?” Tie ne mmuae no yiye na kyerɛ no sɛnea ɔde ne nkyerɛkyerɛ begyina Kyerɛwnsɛm no so. (2 Tim. 2:15) Wonam saa kwan yi so besiesie osuani no ma wadi adanse bɔnnɔ so, na sɛ ɔbɛfata a, ɔne asafo no abom ayɛ asɛnka adwuma no.
4 Nyansa wom sɛ wubesiesie Bible asuafo ma wɔatumi agyina ɔsɔretia ano. (Mat. 10:36; Luka 8:13; 2 Tim. 3:12) Sɛ ebinom ka Yehowa Adansefo ho nsɛm anaa wobisa nsɛm bi a, ebue hokwan ma asuafo no sɛ wobedi adanse. Yehowa Adansefo—Wɔyɛ Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? nhomawa no betumi aboa wɔn ma ‘wɔayɛ krado sɛ wɔde anoyi bɛma.’ (1 Pet. 3:15) Wɔn a wɔyɛ foforo betumi de emu nokwasɛm aboa wɔn nnamfonom ne abusuafo a wokura adwempa no ma wɔate yɛn gyidi ne yɛn nnwuma a egyina Bible so no ase.