Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase January 9
Dwom 10
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka “October Ɔsom Akontaabu” no ho asɛm tiawa.
15 min: Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ sɛ Kristofo Bu Aware Nhyehyɛe Aniberesɛm? August 15, 1999 Ɔwɛn-Aban, kratafa 30 kosi 31.
20 min: Nneɛma Foforo a Ɛwɔ Awake! Mu. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔ. Ka nsakrae ahorow a wɔayɛ wɔ Awake! mu a wɔkaa ho asɛm wɔ March 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 1, nkyekyɛm 5 kosi 6 mu no ho asɛm. Fa “To Our Readers” (Ma Yɛn Akenkanfo) a ɛwɔ January 2006 Awake!, kratafa 3 kosi 4 no mu nsɛm ka ho. Fa nsɛmma nhoma no mu nhwɛso kyerɛ sɛnea ɛtwe akenkanfo adwene si Bible no so tẽẽ no. Ma atiefo nka ade foforo a wohu wɔ kratafa 31 no ho asɛm. Yɛbɛkɔ so de Ɔwɛn-Aban ne Awake! no abom ama wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Nokwasɛm ne sɛ yɛde Awake! no biako pɛ na ɛbɛma wɔn a yɛma wɔn nsɛmma nhoma daa ne afoforo a wɔtaa gye yɛn nsɛmma nhoma no. Sɛ mubetumi de nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 4 no adi dwuma wɔ mo asasesin mu a, fa yɛ sɛnea wɔde January 1 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Mubetumi afa akwan foforo a ɛfata so aka asɛm no. Yɛde January Awake! no bɛma ne mprenu so, na ɛno bɛkyerɛ sɛnea yɛde emu nsɛm afoforo bedi dwuma. Mubetumi de nsɛm abien no nyinaa adi dwuma wɔ ɔsram no nyinaa mu.
Dwom 222 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 16
Dwom 178
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Monhwɛ Transfusion-Alternative Health Care—Meeting Patient Needs and Rights video no bi mfa nsiesie mo ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ wɔ adapɛn abien a edi hɔ no.
15 min: Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no kratafa 4 kosi 7 no so. Mma wo nnianim nsɛm a egyina kratafa 4 so no nnni mmoro simma abiɛsa, na fa atiefo nkɔmmɔbɔ toa so fa susuw kratafa 5 kosi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 7 no ho. Akyiri yi, yebesusuw Nhyehyɛe nhoma no afã horow bi ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase.
20 min: “Mmofra a Wɔhyerɛn sɛ Akanea.”a Ma mmofra nka sɛnea wɔatumi adi adanse wɔ sukuu mu no nkyerɛ. Wubetumi ne abofra baako anaa mmofra baanu adi kan asusuw nsɛm a wɔbɛka no ho.
Dwom 107 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 23
Dwom 60
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 4 no anaa ɔkwan foforo ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea wɔde January 15 Ɔwɛn-Aban ne January Awake! a yɛde bɛma ne mprenu so ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no nkyerɛ sɛnea wodi adanse wɔ asasesin a nnwuma wom mu.
15 min: Asafo mu ahiade. Asafo ahorow a wonnya nyɛɛ ntĩmu no betumi de saa fã yi atĩ ɔmantam nhyiam dwumadi no mu sɛnea yɛkae wɔ November 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2 mu no.
20 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Nsɛmmisa ne Asɛm a Wubetie no Yiye So.”b Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 no ho a, bisa atiefo ma wɔn nso nka nsɛmmisa a wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase a etu mpɔn nkyerɛ. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔnam anifere kwan so de nsɛmmisa ma obi kyerɛ n’adwene na wotie nea ɔka no yiye ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 205 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 30
Dwom 197
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn January asɛnka akontaabu mmra. Ka nhoma a yɛde bɛma wɔ February mu no ho asɛm, na wɔmfa emu biako nyɛ ɔyɛkyerɛ.
15 min: Nhyehyɛe Pa a Yebenya so Mfaso. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Kenkan na munsusuw krataa a Betel adwumayɛbea no kyerɛw kɔmaa asafo ahorow nyinaa wɔ January 3, 2006, a ɛfa akwan a yebetumi afa so anya Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (HLC) ne Ayarefo Nsrahwɛ Kuw (PVG) dwumadi so mfaso no ho.
20 min: “Video a Ɛma Yehu Nea Ɛrekɔ So Wɔ Ayaresa Mu.” Kenkan Asomafo Nnwuma 15:28, 29, na si so dua tiawa sɛ, ade titiriw a enti Kristofo nnye mogya ne sɛ wobedi mmara a Onyankopɔn ahyɛ afa kronkron a mogya yɛ ho no so. Afei momfa nsɛmmisa a wɔde ama no nsusuw Patient Needs and Rights video no ho. Kenkan nkyekyɛm a etwa to no fa wie.
Dwom 45 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 6
Dwom 74
10 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: “Awofo—‘Monkyekye Mo Fie.’ ”c Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin a ɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma. Hyɛ awofo nyinaa nkuran sɛ wɔnyɛ abusua adesua ho kyerɛwtohɔ wɔ S-3 kratasin no so.
15 min: Akwampaefo Aboafo a Yɛbɛyɛ no De Nhyira Ba. (Mmeb. 10:22) Ma wɔn a wɔyɛɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ afe a etwaam no nka nhyehyɛe a wɔyɛe ma wotumi yɛe, sɛnea wɔn ani gyei ne mfaso a wonya fii so no nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa mpaebɔ nsusuw ho nhwɛ sɛ ebia wobetumi ayɛ akwampaefo aboafo wɔ March, April, ne May mu anaa.
Dwom 16 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.