Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/06 kr. 7
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 2/06 kr. 7

Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ February 27, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina January 2 kosi February 27, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]

ƆKASA SU

1. Akwan bɛn so na Teokrase Ɔsom Sukuu no boa yɛn ma ‘yɛbɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre na yɛbɔ ne din wɔ baguam’? (Heb. 13:15) [be-TW kr. 5 nky. 3–kr. 6 nky. 1]

2. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden paa sɛ yɛbɛkenkan ade ma emu ada hɔ? [be–TW kr. 83 nky. 1-5]

3. Dɛn nti na ɛho hia kɛse sɛ yɛma yɛn kasa mu da hɔ, bere a yɛrekasa anaa yɛrekyerɛkyerɛ no? [be–TW kr. 86 nky. 1-6]

4. Dɛn nti na nsɛmfua din a wɔbobɔ no yiye ho hia, na nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yesusuw ho? [be–TW kr. 89 nky. 1–kr. 90 nky. 2, adaka]

5. Nyansahyɛ ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛn nkɔmmɔbɔ akɔ yɔɔ no bi ne dɛn? [be–TW kr. 94 nky. 4-5, adaka]

DWUMADI 1

6. Ɔkwan bɛn so na 2 Beresosɛm 36:17-23 ma yehu sɛ Bible nkɔmhyɛ yɛ nokwasɛm a yebetumi de yɛn ho ato so? [si–E kr. 84 nky. 35]

7. Nsɛm bɛn na esisii a ɛmaa Yudafo no tumi kɔɔ wɔn asase so bio wɔ afe 537 A.Y.B. mu, na wɔsan kosii Yehowa fie no? [si–E kr. 85 nky. 1-3]

8. Ɔkwan bɛn so na Esra nhoma no di Yehowa ho adanse sɛ ɔne nokware Nyankopɔn no na ɛma yenya ne mu ahotoso? [si-E kr. 87 nky. 14, 18]

9. Dɛn nti na “ɔhene Artasasta afe a ɛto so aduonu” no ho hia wɔ Bible mmerebu mu? (Neh. 2:1, 5, 6, 11, 17, 18) [si-E kr. 88 nky. 2, 5]

10. Ɔkwan bɛn so na Nehemia yɛ nhwɛso pa ma Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ? [si-E kr. 90 nky. 16-17]

DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

11. So wɔn a wɔsan fii nnommumfa mu bae no de Urim ne Tumim a na wɔde hwehwɛ nsɛm bi ho mmuae fi Yehowa hɔ no dii dwuma? (Esra 2:61-63)

12. Dɛn nti na na Yudafo a wɔwɔ Babilon no pii mpɛ sɛ wɔne Esra san kɔ Yerusalem? (Esra 7:28–8:20)

13. Ná wɔn a wɔresan ato ɔfasu no bɛyɛ dɛn na wɔatumi de wɔn nsa biako pɛ ayɛ adwuma? (Neh. 4:17, 18)

14. Dɛn nti na Sanbalat de “nhoma a ano da hɔ” brɛɛ Nehemia, wɔ bere a na wɔtaa de nkrataa anaa nhoma a kokoam nsɛm wom hyɛ kotoku a wɔasɔ ano mu no? (Neh. 6:5)

15. Ɔham a Nehemia ne Yudafo awaefo no “hamee” sɛnea na wadi kan ne mmapɔmma ne atitiriw no aham akyi no, nteɛso bɛn bio na ɔde maa wɔn? (Neh. 13:25, 28)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena