Nkaebɔ Ahorow
◼ February: Yɛde Bɛn Yehowa nhoma no na ɛbɛma. Mubetumi de Adiyisɛm Awiei nhoma no nso ama. March: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No. Sɛ ebinom ka sɛ wonni mma a, fa Abusua mu Anigye anaa Nimdeɛ nhoma no ma wɔn. April: Momfa nhoma foforo, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no mma. Mommɔ mmɔden sɛ mode befi Bible adesua ase. May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ April mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo boafo adwuma no.
◼ Baguam kasa titiriw a wɔbɛma no 2006 Nkaedi bere no asɛmti ne “Onyankopɔn Da So Ara Di Wiase So?” Hwɛ ɛho nkaebɔ wɔ September 2005 Yɛn Ahenni Som no mu.
◼ Yebesusuw asɛm a ɛwɔ kratafa 6 a ɛne “Nya Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? a Yebesua no Mu Anigye” ho wɔ Ɔsom Nhyiam a efi ase April 3 dapɛn no mu. Yɛsrɛ sɛ fa saa asɛm no ne adesua nhyehyɛe a ɛka ho no sie.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ adansi ho foto anaa sika foforo bi a ɛwɔ boayikuw a wɔhwɛ dan so no hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ ɛno nso mu. Sɛ wɔyɛ eyinom wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Ɔmantam Adansi Boayikuw no wɔ mmara kwan so nkrataa a mubetumi ahwɛ so ahyehyɛ asafo no agyapade ho nkrataa. Sɛ ɛho behia sɛ moyɛ mmara kwan so nkrataa yi foforo a, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo no gye ɛho nhwɛso a aba foforo no fi ɔmantam adansi boayikuw no hɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ ahwɛfo guamtrafo ne akyerɛwfo hwɛ sɛ nhoma sohwɛfo no ahyehyɛ S-14 kratasin a wɔakyerɛw atifi, “2007 Annual Request Items Only” a wɔde kra nhoma ma asafo no aba Betel adwumayɛbea. Sɛ ɔnyɛɛ saa a, yɛsrɛ sɛ ɔmfa mmra ntɛm ara.—Hwɛ December 2005 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 ne 5.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ ahorow a, monsan nkenkan S-201 nkrataa a wɔkyerɛw no afe afe no.