Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase February 13
Dwom 121
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 anaa ɔkwan foforo a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea wɔde February 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma wɔnyɛ sɛnea wodi adanse wɔ baguam.
10 min: So Wo Ne Yehowa Ahyehyɛde no Rebɔ Anan? Ɔkasa a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde, kratafa 7-10 so.
25 min: “Ka ‘Wiase Hann’ No Ho Asɛm Kyerɛ Afoforo.”a Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no di ho dwuma. Bobɔ wɔn a wɔde wɔn ho ahyɛ akwampaefo boafo adwuma no mu no din. Ka bere ne mmeae foforo a mubehyiam akɔ asɛnka ho nhyehyɛe a moayɛ no ho asɛm. Fa nsɛm a ɛwɔ akwampaefo boafo bere nhyehyɛe ho nhwɛso a ɛwɔ kratafa 5 wɔ krataa a ɛhyɛ February 2005 Yɛn Ahenni Som mu no ka ho.
Dwom 224 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 20
Dwom 89
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
15 min: “Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma No—Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛyɛ Bible Adesua.”b Kanyan wɔn anigye ma wɔmfa nhoma foforo no mfi Bible adesua ase.
20 min: “Wubetumi Anya Mmoa.”c Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔpanyin di ho dwuma. Ka November 1998 ne November 2000 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã no ho asɛm tiawa fa ka ho.
Dwom 1 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase February 27
Dwom 20
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn February asɛnka akontaabu mma. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 8 anaa ɔkwan foforo a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea wɔde February 15 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde February Awake! no bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Asafo mu ahiade.
20 min: Ɔkwan Bɛn So na Woyɛ Soronko Wɔ Wiase no Ho? (Mal. 3:18) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma. Satan asi ne bo sɛ ɔnam wiase no su so bɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi. (Efe. 2:2; Yoh. 17:16) Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so di n’ahyɛde so. (1 Yoh. 5:3) Eyi ma yɛda nsow wɔ wiase no ho wɔ akwan pii so. Sɛ nhwɛso no, susuw bere a yegye de bɔ fekuw wɔ apontow, ayeforohyia, ayi ne nea ɛkeka ho ase no ho hwɛ. Afei nso, nnwom ne asaw a ɛkɔ so wɔ mmeae a ɛtete saa no betumi asum yɛn afiri, na ɛremma yɛnna nsow wɔ wiase no ho. (w92-TW 8/15 kr. 17 nky. 9-11; kr. 20 nky. 20, 22) Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmma wɔn akanea nhyerɛn wɔ mmeae a ɛtete saa. Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ yɛyɛ soronko, na eyinom nyinaa hyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Mat. 5:16.
Dwom 177 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase March 6
Dwom 51
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Esiane sɛ nkratawa yɛ fɛ na ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛhyɛ yɛn ho nti, ɛboa ma yefi nkɔmmɔbɔ ase bere a yɛreyɛ afie afie asɛnka adwuma, yɛreka asɛm no wɔ baguam ne bere a yɛredi adanse wɔ bɔnnɔ so no. Ma wɔmfa kratawa foforo, Ɛnkyɛ Amanehunu Nyinaa To Betwa! no nyɛ sɛnea wɔde fi nkɔmmɔbɔ ase ho ɔyɛkyerɛ. Ka kyerɛw nsɛm a wɔafa mu asɛm aka a ɛwɔ kratafa 2 wɔ kratawa no mu ho asɛm.
15 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ahosiesie a Wobɛyɛ So.”d Ma adawurubɔfo baanu a wɔresiesie wɔn ho de Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma no ama nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa. Wɔpaw nsɛm a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som no mu bi na wosusuw sɛnea wobetumi de wɔn ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ mu ma afa wɔn asafo no asasesin mufo no ho. Wɔde ɔyɛkyerɛ no ba awiei bere a wɔayɛ sɛ wɔrebɛbobɔ sɛnea wɔbɛka asɛm no so akyerɛ wɔn ho no.
20 min: “Fa Video Ahorow a Etumi Kyerɛkyerɛ no Di Dwuma.”e Bere a moresusuw video a wɔaka ho asɛm ho no, fa emu biara kyerɛ na kenkan nsɛm tiawa a wɔakyerɛw wɔ video no akyi a ɛrekyerɛkyerɛ emu nsɛm mu no. Bisa atiefo ma wɔnka osuahu ahorow a wɔanya wɔ video a wɔde di dwuma wɔ asɛnka mu no nkyerɛ.—Hwɛ 1997 Yearbook, kr 54, ne 1995 Yearbook, kr. 50-51.
Dwom 68 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
e Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.