Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ April 24, 2006 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina March 6 kosi April 24, 2006 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhome de dan adwene kɔ asɛm foforo so, na dɛn na ɛremma yentumi nyɛ saa? [be-TW kr. 98 nky. 2-3]
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhome wɔ yɛn kasa mu bere a yɛredi afoforo adanse? [be-TW kr. 99 nky. 5–kr. 100 nky. 4]
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ sɛ yɛrema ɔkasa a, yesi adwene a ɛwom no so dua, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asi so dua yiye? [be-TW kr. 101 nky. 1-5, adaka]
4. Sɛ yɛrekenkan ade wɔ baguam a, yɛbɛyɛ dɛn atumi asi nsɛntitiriw a ɛwom no so dua? [be-TW kr. 105 nky. 1-6]
5. Dɛn nti na sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a ɛho hia sɛ yɛde ɛnne nnyigyei a ɛfata kasa, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ɛnne nnyigyei a ɛfata? [be-TW kr. 107-108]
DWUMADI 1
6. Ɔkwan bɛn so na tebea a Kristofo wom nnɛ no te sɛ Ester ne Mordekai bere so de no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua wɔn nhwɛso no? [si-E kr. 94 nky. 17]
7. Bere a Salomo kae sɛ ade “nyinaa yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu” no, dɛn ho asɛm na na ɔreka? (Ɔsɛnk. 2:11) [w04-TW 10/15 kr. 4 nky. 3-4]
8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ ama Onyankopɔn? (Mar. 12:30) [w04-TW 3/1 kr. 19-21]
9. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ honhom fam nneɛma ne adedodowpɛ mu? [w04-TW 10/15 kr. 5-7]
10. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatie asɛm yiye wɔ nhyiam akɛse ne nketewa ase a yɛremma biribiara ntwetwe yɛn adwene? [be-TW kr. 15-16]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn nti na wɔkataa Haman ani? (Ester 7:8)
12. Honhom abɔde bɛn na ɔmaa Elifas nyaa nsusuwii a ɛnteɛ no? (Hiob 4:15, 16) [w05-TW 9/15 kr. 26 nky. 2]
13. So Hiob nsɛm a ɔkae wɔ Hiob 7:9, 10 ne Hiob 10:21 no kyerɛ sɛ na onnye owusɔre nni?
14. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na Hiob kyerɛ bere a ɔkae sɛ “me sẽ ho were nko na mede mafi mu” no? (Hiob 19:20)
15. Bere a Hiob kae sɛ, “meremma wonyi me mudi mfi me ho” no, na ɔrepɛ akyerɛ dɛn, na dɛn na yebetumi asua afi mu? (Hiob 27:5)