Nsakrae A Wɔayɛ Wɔ Ahenni Asa So Ayeforohyia Mu Wɔ Ghana
1, 2. (a) Akwan abien bɛn na wɔfa so hyira aware so wɔ Ghana? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ emu biara ho?
1 Nnansa yi Sodikuw no de akwankyerɛ afoforo ama wɔ sɛnea wobetumi de Ahenni Asa adi dwuma wɔ amanne kwan so aware ne aban mmara mu aware mu wɔ Ghana ha. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ saa bere yi yɛbɛma moahu akwankyerɛ a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn man yi mu.
2 Yehowa Adansefo a wɔwɔ Ghana ha no de nhyehyɛe abien yi—amanne kwan so aware ne aban mmara mu aware—di dwuma na ama wɔn aware adi mũ. Ɛwom sɛ wogye nhyehyɛe abien yi nyinaa tom wɔ Onyankopɔn anim ne mmara mu de, nanso ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɛsono emu biara, na wɔrentumi mfa abien no nyinaa mmom. Nsonsonoe bɛn na ɛwom?
3. Dɛn ne amanne kwan so aware, na dɛn na ɛma edi mu?
3 Amanne Kwan So Aware ne Aban Krataa mu a Wɔde Hyɛ: Amanne kwan so aware ne aban krataa mu a wɔde hyɛ no ho nsɛm wɔ Customary Marriage And Divorce (Registration) Law, 1985 de no mu, na nnipa baanu a wɔreware no abusuafo na wɔyɛ ho nhyehyɛe. Saa aware yi di mũ bere a wɔatua ti ade no nyinaa ma wɔagye no. Sɛ wonya ware wɔ amanne kwan so na wotua ti ade no nyinaa ma wogye a, wɔ Onyankopɔn anim ne mmara mu no, na ɔbarima no ne ɔbea no abɛyɛ awarefo.
4. (a) Dɛn nti na sɛ nnipa baanu ware wɔ amanne kwan so wie ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde kɔhyɛ aban krataa mu? (Rom. 13:1) (b) Ɔkwan bɛn so na wɔde amanne kwan so aware hyɛ aban krataa mu? (d) Dɛn nti na wontumi mfa amanne kwan so aware nhyɛ aban krataa mu wɔ Ahenni Asa so?
4 Sɛ wɔyɛ obi ho ade wɔ amanne kwan so wie a, na aware no adi mũ, nanso mmara no hwehwɛ sɛ, sɛ wowie a ɛnsɛ sɛ wɔma ɛkyɛ ansa na wɔakɔyɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ aban krataa mu. Mmara yi a awarefo bedi so no bɛbɔ wɔne wɔn mma ho ban, na saa ara nso na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Romafo 13:1 no redi dwuma. Sɛ obi ware amanne kwan so na ɛno akyi wamfa n’aware no anhyɛ aban krataa mu ntɛm a, ɔremfata mma ɔsom mu hokwan titiriw biara wɔ asafo no mu. Enti wɔhyɛ Kristofo nyinaa sɛ, sɛ wonya yɛ wɔn yerenom ho ade wie ara pɛ a, ɛsɛ sɛ wɔde kɔhyɛ aban krataa mu. Wɔde amanne kwan so aware hyɛ aban krataa mu wɔ ɔmansin mmarahyɛ bagua asoɛe a ɛhwɛ mpɔtam a wogyee aware no wom so no. Sɛ wɔde amanne kwan so aware hyɛ aban krataa mu a, wɔma awarefo no ɛho adansedi krataa (Customary Marriage Registration Certificate) a ɛkyerɛ sɛ wɔagye wɔn amanne kwan so aware no atom wɔ mmara mu. Monhyɛ no nsow sɛ, nhyehyɛe biara nni Ghana mmara mu a ɛma wotumi gye aware amanne kwan so anaa wɔde hyɛ aban krataa mu wɔ Ahenni Asa so.
5. (a) Sɛ nnipa baanu ware wɔ amanne kwan so wie a, ɔkwan bɛn so na wobetumi de Ahenni Asa no adi dwuma? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no?
5 Ɔkasa a Wɔma wɔ Amane Kwan So Aware Akyi: Sɛ nnipa baanu ware wɔ amanne kwan so wie a, wobetumi asrɛ mpanyimfo no agye Ahenni Asa de ama aware no ho ɔkasa tiawa.a Sɛ wɔyɛ ho ade no wie a, “ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda” ayeforohyia no ne ɔkasa no ntam. (w97-TW 4/15 kr. 24, nky. 1) Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so da a wogyee aware no anaa n’adekyee.
6. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔbɛma aware ho ɔkasa no? (b) Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ wɔma afoforo nya bere a wɔreyɛ ɔkasa no ho nhyehyɛe no? (d) Dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma emu da hɔ pefee?
6 Ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkasa a wɔbɛma no aniberesɛm, na wɔma obu ne nidi ba mu. Ɛsɛ sɛ egyina Kyerɛwnsɛm no so pintinn, ɛkanyan awarefo no ne atiefo no nyinaa na ɛhyɛ wɔn nkuran. Bio nso, ɛnsɛ sɛ nhyehyɛe a wɔbɛyɛ wɔ ɔkasa no ho no ma wonya adwene sɛ wɔrebɛyɛ ayeforo a ɛto so abien. Esiane sɛ nnipa baanu a wɔpɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no aware dedaw nti, ɔkasa no mfiase pɛɛ no, ɔkasafo no bɛma atiefo no ahu pefee sɛ nnipa baanu no nam amanne kwan so aware dedaw ma enti wɔyɛ awarefo. Afei nso ɛnyɛ ɔkasa no na ɛbɛma aware no adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa mmara kwan so. Wɔnka aware ntam wɔ amanne kwan so aware mu, enti sɛ awarefo no pɛ a, wobetumi ama wɔaka aware ntam no bere a wɔrema ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so no.
7. Dɛn ne aban mmara mu aware, na ɔkwan bɛn so na ɛda nsow wɔ amanne kwan so aware ho?
7 Aban Mmara mu Aware: Aban mmara mu aware yɛ aware nhyehyɛe foforo a Ghana mmara ma ho kwan, na ɛhyɛ Marriage Ordinance of 1951 de no ase. Wɔ aware a wogyina aban mmara so gye mu no, ɔbarima no ne ɔbea no ka aware ntam kyerɛ obi a wɔama no tumi sɛ onnye saa aware no. Bio nso, ɛsɛ sɛ adansefo baanu anaa nea ɛboro saa ka wɔn ho, na awarefo no ne adansefo no de wɔn nsa hyɛ aban krataa no ase bere a wɔregye aware no. Sɛ nnipa baanu no anyin sɛnea ɛsɛ a, ɛho renhia sɛ awarefo no abusuafo pene aware no so ansa na adi mũ, na saa ara nso na ɛnhwehwɛ sɛ wotua ti ade biara.
8. Ahenni Asa bɛn na wobetumi de aware wɔ aban mmara mu, na henanom nkutoo na wobetumi de Asa no adi dwuma wɔ saa kwan yi so?
8 Wɔ Ghana ha no, wɔde Ahenni Asa ahorow bi ahyɛ aban mmara ase a ɛma wotumi de gye aware wɔ aban mmara mu. Enti sɛ nnipa baanu bi a wɔnwaree wɔ amanne kwan so pɛ sɛ wɔware wɔ aban mmara mu wɔ Ahenni Asa a ɛhyɛ aban mmara ase mu a, wobetumi ahu ɛhɔnom mpanyimfo kuw no ma wɔagye Asa no ayɛ wɔn ayeforo no.
9. (a) Sɛ nnipa baanu a wɔnwaree wɔ amanne kwan so ware wɔ aban mmara mu wɔ aban asoɛe a wogye aware a, ɔkwan bɛn so na wobetumi de Ahenni Asa no adi dwuma? (b) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no, na dɛn na ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma emu da hɔ pefee? (d) Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ wɔma afoforo nya, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ wɔka aware ntam no?
9 Ɔkasa a Wɔma Wɔ Aban Mmara mu Aware Akyi: Sɛ nnipa baanu a wɔnwaree wɔ amanne kwan so ware wɔ aban mmara mu wɔ aban asoɛe a wogye aware a, wɔn nso betumi ahu mpanyimfo kuw no asrɛ Ahenni Asa no de ama aware ho Ɔkasa. Sɛnea wɔyɛ wɔ amanne kwan so aware akyi no, saa ara na sɛ wɔyɛ eyi wie a, ɛnsɛ sɛ “wɔma nna pii bɛda” ayeforohyia ne ɔkasa no ntam. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ wɔma aware ho ɔkasa no da a wogyee aware no anaa n’adekyee. Wɔ ɔkasa no mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ ɔkasafo no ma atiefo no hu pefee sɛ nnipa baanu no yɛ awarefo dedaw, ma enti ɛnyɛ ɔkasa no na ɛbɛma aware no adi mu wɔ Onyankopɔn anim anaa mmara kwan so. Sɛ awarefo binom pɛ sɛ wotĩ aware ntam a wɔkae no mu wɔ Onyankopɔn ne asafo no anim a, wobetumi ayɛ saa. Nanso esiane sɛ wɔadi kan aka aware ntam no dedaw nti, ɛsɛ sɛ wɔka ntam no wɔ twam kabea mu.
10. (a) Tebea bɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ nnipa baanu reware ne mprenu so? (b) Dɛn nti na eyi te saa?
10 Amanne Kwan So Aware ne Aban Mmara Mu Aware a Wɔyɛ Bom: Mfe pii a atwam ni no, Adansefo awarefo pii taa yɛ amanne kwan so aware na ɛno akyi no wɔayɛ aban mmara mu aware wɔ Ahenni Asa so. Ebinom bu adeyɛ a ɛte saa sɛ ɔkwan a wɔnam so de wɔn amanne kwan so aware no hyɛ aban krataa mu. Nanso ɛho hia sɛ yɛkae sɛ ɛsono amanne kwan so aware ɛnna ɛsono aban mmara mu aware koraa, na emu biara di mũ wɔ Onyankopɔn anim ne mmara mu. Enti sɛ nnipa baanu no ware wɔ amanne kwan so na ɛno akyi wɔsan kɔyɛ aban mmara mu aware wɔ Ahenni Asa so a, ɛno bɛkyerɛ sɛ wɔreware ne mprenu so. Ɛsɛ sɛ yebu eyi dɛn?
11. (a) Asɛm bɛn na wɔaka wɔ April 1977 Yɛn Ahenni Som no “Asɛmmisa Afã”? (b) Bere bɛn na ɛremfata sɛ wohyia ayeforo wɔ Ahenni Asa so?
11 Wɔaka nnyinasosɛm titiriw a ɛwɔ asɛm yi mu ho asɛm wɔ April 1977 Yɛn Ahenni Som no “Asɛmmisa Afã” a ekura asɛmti a ɛne sɛ: “So wobetumi de Ahenni Asa no ayɛ ‘ayeforohyia a ɛto so mmienu’ anaa?” no mu. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Sɛ nnipa baanu a wɔwɔ hokwan sɛ wɔware no kɔware wɔ atemmufo bi anim anaa obi a mmara ma no kwan anim, . . . na aware no adi mu wɔ Onyankopɔn ne Kristofo asafo no anim. Na ‘ayeforo bio a wobehyia wɔ asafo no mu’ no bɛkyerɛ biribi foforo.” Wɔ Ghana ha no, sɛ nnipa baanu ware wɔ amanne kwan so a, wɔn aware no di mu wɔ Onyankopɔn ne Kristofo asafo no anim, na ɛho renhia sɛ ɛno akyi no wɔkɔware wɔ aban mmara mu. Ne saa nti, ɛremfata sɛ nnipa a wɔaware wɔ amanne kwan so no san kɔware akyiri yi wɔ Ahenni Asa so.
12. Akwankyerɛ bɛn na Sodikuw no de ama wɔ amanne kwan so aware ne aban mmara mu aware ho?
12 Nea ɛne atifi hɔ asɛm no hyia no, nnansa yi, Sodikuw no kae sɛ: “Ɛremfata sɛ nnipa baanu bɛware wɔ amanne kwan so na akyiri yi wɔasan akɔware wɔ aban mmara mu wɔ Ahenni Asa so. Ɛsɛ sɛ nnipa baanu no si aware nhyehyɛe abien yi—amanne kwan so aware ne aban mmara mu aware—mu biara a wɔpɛ no ho gyinae. Ade a ehia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu ne sɛ, emu biara di mũ wɔ Onyankopɔn anim ne mmara mu. Enti wɔ Onyankopɔn ne asafo no ani so no, wɔyɛ awarefo.”
13. Ɔkwan bɛn so na seesei yɛde akwankyerɛ yi bedi dwuma wɔ Ghana ha?
13 Esiane nea yɛaka yi nti, wɔ Ghana ha no, sɛ nnipa baanu di kan ware wɔ amanne kwan so a, wɔrentumi nyɛ aban mmara mu aware nsan mma ho ɔkasa wɔ Ahenni Asa so. Nanso sɛ awarefo bi di kan ware wɔ amanne kwan so na ɛno akyi no wɔpaw sɛ wɔbɛware wɔ aban mmara mu wɔ aban nanmusifo a ogye aware dwumadibea a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Ebinom besusuw sɛ aban mmara mu aware no bɛma wɔanya hokwan ahorow bi. Nanso eyi yɛ wɔn ankasa gyinaesi a ɛmfa asafo no ho. Esiane sɛ wogye amanne kwan so aware no tom wɔ mmara mu nti, Kristofo asafo no bebu wɔn sɛ wɔaware dedaw. Ayeforo a wɔbɛsan ayɛ no bɛyɛ mmara mu adeyɛ bi kɛkɛ. Ade a ehia a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwene mu ne sɛ, sɛ obi di kan ware wɔ amanne kwan so a, wɔremma ɔnnyɛ aban mmara mu ayeforo wɔ Ahenni Asa so, na saa ara na wɔremma ɛho ɔkasa wɔ hɔ.
14. Ɛmfa ho aware ko a obi bɛpaw no, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo bu aware?
14 Ɛwom sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mmu aware aniberesɛm de, nanso Onyankopɔn nkurɔfo asi wɔn bo sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama nhyehyɛe kronkron yi. Nea ɛka obu a ɛte saa ho ne sɛ wɔde wɔn aware bɛhyɛ aban krataa mu de ayɛ osetie ama “atumfoɔ a wɔkorɔn” no. (Rom. 13:1) Ebi nso ne sɛ yɛbɛyɛ yɛn ayeforo no wɔ ɔkwan a ɛda obu ne nidi adi so. Bio nso, yɛn aware mu ahokafo a yebedi wɔn ni, adi wɔn nokware, ate wɔn ase, na yɛafi yɛn koma mu adɔ wɔn no hyɛ Onyankopɔn anuonyam ampa. Awiei koraa no, sɛ nnipa baanu bi paw sɛ wɔbɛware wɔ amanne kwan so anaa wɔ aban mmara mu a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden biara sɛ ‘wɔbɛma wɔn yiw ayɛ yiw’ wɔ aware nhyehyɛe a wɔayɛ no mu. (Mat. 5:37; 19:6) Sɛ yɛda nidi a ɛte saa adi wɔ aware mu na yekura Onyankopɔn gyinapɛn a ɛkorɔn no mu a, ɛbɛhyɛ Yehowa din anuonyam.—Heb. 13:4.
[Ase hɔ asɛm]
a Eyi yɛ nsakrae foforo a wɔayɛ wɔ akwankyerɛ a wɔde mae wɔ August 1997 Yɛn Ahenni Som no kratafa 4, nkyekyɛm 15 no mu.