Nkaebɔ Ahorow
◼ May ne June: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma no mma. Sɛ woreyɛ sankɔhwɛ a, fa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ma. July ne August: Fa nhomawa biara a ekura kratafa 32 a mowɔ bi no ma.
◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ July mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu June 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ sika foforo bi a mode siesie dan no anaa adansi ho foto bi a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ sika yi mu nso. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Yɛrekae Ahenni Asa Sohwɛ boayikuw ahorow no sɛ wɔnhwɛ nsiesie Ahenni Asa no ho biribiara a ɛfata sɛ wɔyɛ no seesei. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan CN-14 krataa a ɛda wɔn nneɛma mu no bio na ama wɔahu nneɛma a aka wɔ Ahenni Asa no ho a ɛsɛ sɛ wosiesie. Ɛsɛ sɛ ahwɛfo aguamtrafo hwɛ ma wodi ho dwuma ntɛm ara.
◼ Sɛ ɔsram biara wɔrekenkan sikasɛm ho amanneɛbɔ a, yɛsrɛ sɛ momma asafo no nhu sika pɔtee a woyi de boaa wiase nyinaa adwuma, Ahenni Asa foto, ne nea ɛkeka ho. Afei monkamfo anuanom sɛ wofi wɔn yam yi ntoboa de boa Ahenni adwuma no.
◼ Ansa na mode Literature Request Form (S-14) kratasin bɛmena Betel no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ mu yiye hwɛ sɛ wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ. Nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ ɛwɔ so no bi ne asafo no din ne ne nɔma. Eyi bɛma wɔayɛ S-14 kratasin no ho adwuma ntɛm.