Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/06 kr. 6-7
  • Awo ne Abadinto

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awo ne Abadinto
  • Yɛn Ahenni Som—2006
Yɛn Ahenni Som—2006
km 5/06 kr. 6-7

Awo ne Abadinto

1. (a) Wɔ Afrika Atɔe fam no, amanne bɛn na sɛ wɔwo abofra a wɔtaa yɛ? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

1 Wɔ Afrika Atɔe fam mmeae pii no, wɔtaa to mmofra din wɔ wɔn awo akyi. Nneɛma bɛn na wɔyɛ bere a wɔreto abofra bi din no? Ɛhe na abadinto amanne ahorow no bi fi bae? Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm horow bɛn na ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ abadinto ahorow ho?

2. (a) Wɔ Afrika mmeae bi no, wobu abofra a wɔawo no no dɛn? (b) Amanne a wɔtaa yɛ de bata abadinto ho no bi ne dɛn?

2 Amanne pii a ɛbata awo ho no fata. Nanso, wɔ mmeae a wobu abofra a wɔawo no sɛ ofi nananom a wɔawuwu ahonhom atrae na aba nnipa mu no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika mmeae bi no, sɛ wɔwo abofra bi a, wɔde no hyɛ dan mu ma bere bi twam ansa na wɔato no din. Ɛwom sɛ ebetumi asono bere tenten a wɔde no hyɛ dan mu wɔ mpɔtam biara de, nanso wɔde abadinto na ewie. Saa bere no wɔde abofra no pue abɔnten na afei wɔda no adi kyerɛ abusuafo ne nnamfo, na wɔbɔ abofra no din ma obiara a ɔwɔ hɔ te bi.

3. Sɛnea ɔmanfo gyidi kyerɛ no, adwene bɛn na wɔwɔ wɔ abofra a wɔawo no foforo ho?

3 Bere a nhoma, Ghana—Understanding the People and Their Culture (Ghana—Nnipa no ne Wɔn Amammerɛ a Wobɛte Ase) rekyerɛkyerɛ nea amanne yi kyerɛ mu no, ɛka sɛ: “Sɛ wɔwo abofra a, nnanson a edi kan no, wobu no sɛ ɔwɔ ‘nsrahwɛ’ mu, na ofi ahonhom atrae reba abɛtra asase so. . . . Wɔtaa de abofra no hyɛ dan mu na wɔmma obiara a ɔnyɛ obusuani nhu no.”

4. (a) Gyidihunu bɛn na ɛbata amane a ɛma wɔde abofra a wɔawo no foforo no hyɛ dan mu kosi bere bi ansa na wɔato no din no ho? (b) Dɛn nti na wɔtwɛn kosi bere bi ansa na wɔayi abofra no apue abɛto no din?

4 Dɛn nti na wɔde abofra no hyɛ dan mu kosi bere bi ansa na wɔayɛ amanne de ato no din? Ghana in Retrospect (Ghana Ho Abakɔsɛm) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnanson a edi kan no wobu abofra no sɛ ɔnyɛ nipa. Ɔkwan bi so no, wobu no sɛ ɔda so wɔ ahonhom atrae a ofi hɔ bae no.” Nhoma no toa so sɛ: “Sɛnea yɛbɛka no no, esiane sɛ edin a wɔde to abofra no na ɛma ɔbɛyɛ nipa nti, sɛ awarefo bi suro sɛ wɔn ba a wɔawo no no bewu a, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔnto abofra no din kosi sɛ wobehu sɛ abofra no bɛtra ase ansa. . . . Enti, wosusuw sɛ saa amanne a wɔyɛ de yi abofra no adi no yɛ ade a ɛho hia paa ma abofra no ne n’awofo. Ɛyɛ amanne yi na ɛma abofra no bɛka nnipa ho.”

5. Amanne afoforo bɛn na ɛbata abadinto ho?

5 Ɔpanyin bi a ɔwɔ abusua no mu na ɔtaa to abofra no din. Ɛsono nneɛma a wɔyɛ wɔ abadinto no ase wɔ baabiara, nanso wɔtaa gu nsa, yɛ amanne foforo de da nananom a wɔawuwu ahonhom ase sɛ abofra no abedu asomdwoe mu.

6. (a) Dɛn nti na atɛmpa ho hia bere a yɛrepaw din ama yɛn mma no? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye bere a wɔma afoforo kwan ma wɔpaw edin ma wɔn mma no?

6 Ade titiriw a ɛwɔ abadinto ase ne bere a wɔbɔ abofra no din kyerɛ nnipa a wɔahyiam no. Ɛwom sɛ awofo no na ɛsɛ sɛ wɔto wɔn ankasa ba no din de, nanso abusuafo afoforo nso tumi kyerɛ din a wɔmfa mma no. Edin no bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ biribi te sɛ “aba bio,” “Eno aba bio,” anaa “Agya aba bio” wɔ ɛhɔfo kasa mu. Edin no bi wɔ hɔ nso a ekura nkyerɛase bi a ɛremma nananom a wɔawuwu no mmɛfa abofra a wɔawo no foforo no nsan nkɔ ahonhom atrae hɔ.

7. (a) Sɛ wɔreto abofra bi din a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si ho gyinae? (b) Sɛ́ Kristofo no, sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani a, amanne anaa guasodeyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na dɛn ntia?

7 Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ wobedi abofra awo ho ahurusi. Abofra a wɔde no to obi anaa wɔma no din a ɛne nsɛm a esii wɔ n’awo mu hyia no yɛ amanne a ɛfata, na bere ko a wɔpɛ sɛ wɔto abofra no din nso yɛ ankorankoro gyinaesi. Nanso, Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no hwɛ sɛ wɔbɛkwati amanne biara a ɛbɛma afoforo anya adwene sɛ wɔne wɔn a wogye di sɛ abofra a wɔawo no no yɛ “ɔhɔho” a ofi nananom a wɔawuwu ahonhom atrae rebɛtra nnipa mu no yɛ adwene.

8. (a) Adwene bɛn na yɛbɛma afoforo anya bere a yɛde yɛn ho hyɛ abadinto ho amanne bi mu no? (b) Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa afoforo ahonim ho bɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni susuw ho? (Kenkan Romafo 14:13-21 na kyerɛkyerɛ mu.) (d) Esiane sɛ abadinto ho amanne dodow no ara gyina nneyɛe a ɛne Kristofo gyidi nhyia so nti, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristofo hyɛ abadinto ho amanne ho nkuran?

8 Bio nso, esiane sɛ nnipa binom a wɔwɔ mpɔtam hɔ no bu abadinto no sɛ bere a abofra no fi ahonhom atrae rebɛyɛ onipa nti, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw afoforo ahonim ho na wosusuw adwene a wɔn a wɔnyɛ gyidifo no benya ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristofo abusua bi de wɔn ba a wɔawo no foforo hyɛ dan mu kosi sɛ wɔbɛto abofra no din ansa na wɔayi no apue a, dɛn na ebia ebinom bɛka? Sɛ wɔto din a ɛne Bible mu nokware a wɔka sɛ wɔkyerɛkyerɛ no nhyia a, adwene bɛn na afoforo benya?

9. (a) Sɛnea 1 Korintofo 10:31-33 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ? (b) Sɛ anka yebekura amanne ne atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so a agye din wɔ yɛn mpɔtam hɔ mu no, dɛn na ɛho hia yɛn titiriw?

9 Enti, sɛ Kristofo resi gyinae wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so ato wɔn mma din ne bere ko a wɔbɛyɛ no ho a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyɛ ne nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento afoforo hintidua. (1 Kor. 10:31-33) ‘Wɔremfa Onyankopɔn ahyɛde nto nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi atetesɛm’ a wɔahyɛ da ayɛ de redi awufo ni no so. Mmom no, wɔde nidi ne anuonyamhyɛ bɛma Yehowa, ɔteasefo Nyankopɔn no.—Mar. 7:9, 13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena