Afe A Etwaam No Mu Nsɛntitiriw
1 Bible Nkyerɛase: Ɛrekɔ afe 1800 awiei mu hɔ no, na Yehowa ahyehyɛde no tɔ Bible pii tew ne bo no so koraa kyekyɛ ma anigyefo. Efi afe 1926 no, anuanom de wɔn ankasa mfiri tintim Bible ahorow te sɛ The Emphatic Diaglott, King James Version ne American Standard Version. Afei wɔ afe 1961 mu no, woyii New World Translation of the Holy Scriptures a ɛbom biako wɔ Borɔfo kasa mu no adi.
2 Na kasa afoforo nso ɛ? Wɔ afeha a ɛto so 20 mfiase no, na asafo no adwumayɛbea ahorow no tɔ Bible nkyerɛase ahorow fi nnwumakuw a wontintim Bible no hɔ tɔn ma anigyefo de gye bo koro no ara. Bible nkyerɛasefo binom a wodi nokware no de Onyankopɔn din—Yehowa—no mpo dii dwuma wɔ kasa horow a wɔde kyerɛɛ Bible no ase no mu. Nanso akyiri yi, nkyerɛasefo no mu dodow no ara yii Onyankopɔn din fii wɔn nkyerɛase no mu. Seesei mpo de, ebinom ayɛ ade akɔ akyiri de wɔn abosom din asi Onyankopɔn din no ananmu! Sɛ nhwɛso no, Chichewa Bible a wɔfrɛ no Buku Loyera, a wɔde di dwuma wɔ Malawi, Mozambique ne Zambia no kyerɛ Onyankopɔn din ase fi Hebri mfitiase nkyerɛwee no mu sɛ “Chauta.” Ɛyɛ abusua bi bosom din a ɛkyerɛ “Ɔkofo Pumpuni.”
3 Wɔasesa nneɛma afoforo pii nso nkyerɛase wɔ Bible no mu. Sɛ nhwɛso no, Bible nkyerɛase bi a ɛwɔ Afrika kasa mu no frɛ Luka sɛ ɔkɔmfo. Tuvalufo Bible no kyerɛ Yuda nkyekyɛm 23 ase sɛnea wɔpɛ sɛ: “Munnya ɔdɔ a emu yɛ den mma sodomfo, nanso montan wɔn nneyɛe.” Nanso mfitiase nkyerɛase no ammɔ sodomfo anaa wɔn nneyɛe din!
4 Bere bi a atwam no, na Bible nkyerɛase fekuw ahorow na wodi akoten wɔ Bible tintim ne ne kyekyɛ mu. Nanso nnansa yi, Bible fekuw ahorow no bi de hokwan a wɔwɔ wɔ mmara mu a wɔde tintim Bible na wɔkyekyɛ no ama Kristoman asɔre ahorow no. Bible bo a asɔre ahorow no ama ayɛ den akyi no, wɔmma Yehowa Adansefo ntɔ Bible wɔ aman bi so. Sɛ nhwɛso no, Wɔ Kyrgyzstan no, Protestant asɔre bi nkutoo na ɛwɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase kɔ nnɛyi Kyrgyzstanfo kasa mu. Sɛ anuanom repɛ bi atɔ a, wɔtaa bisa wɔn sɛ, “Woyɛ Yehowa Danseni?” anaa “Wunim Onyankopɔn din?” Sɛ wobua sɛ yiw a, wɔmma wɔn bi ntɔ.
5 Esiane eyi ne nsɛm afoforo bi nti, Sodikuw no de akwankyerɛ ama sɛ wɔmfa adwene nsi Bible nkyerɛase so kɛse. Seesei, New World Translation mũ no nyinaa wɔ kasa horow 35 mu, na Kristofo Hela Kyerɛwsɛm—Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa horow 20 nso mu. Seesei, Bible nkyerɛase akuw 33 a wɔwɔ wiase nyinaa no mu 19 rekyerɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no ase, 11 rekyerɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ase, ɛnna 3 nso rekyerɛ Reference Bible no ase. Mpɛn pii no, nnipa baasa kosi baasia na wobom kyerɛ Bible no ase. Esiane kɔmputa ne akwan a etu mpɔn a wɔfa so yɛ adwuma no nti, akuw binom de afe ne asram kakra awie Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no.
6 Sɛ anuanom nsa ka Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ wɔn ankasa kasa mu a, wɔte nka dɛn? Ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Albania no ma yehu sɛnea nnipa dodow no ara te nka. Ɔkae sɛ: “Misui. Menkenkanee Onyankopɔn Asɛm ntee nka sɛɛ da. Mɛkenkan ama me ti atew!”