Krataa a Efi Sodikuw No Hɔ
“YƐN agya Nyankopɔn adom ne ne Awurade Yesu Kristo asomdwoe nka mo.” Eyi ne nkyia a na Paulo taa de di dwuma wɔ ne nkrataa a ɔde kɔmaa asafo ahorow no mu. Ɛkyerɛ sɛnea yɛte nka ma mo nyinaa.—Efe. 1:2.
Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ adom a Yehowa nam Kristo Yesu agyede afɔre no so de ama yɛn no! Esiane agyede no nti yɛwɔ gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Anka yɛn nsa rentumi nka adom yi da, ɛmfa ho sɛnea yɛbɛbɔ mmɔden asua Bible, aka asɛmpa no, anaa yɛayɛ nnwuma pa afoforo biara no. Ɛnyɛ yɛn nnwuma pa nti na wɔde yɛn bɔne firi yɛn ma yɛn daa nkwa ho anidaso, na mmom ɛyɛ akyɛde a Yehowa nam Yesu Kristo so de adom yɛn.—Rom. 11:6.
Paulo kyerɛw kɔmaa mfɛfo gyidifo sɛ: “Yɛsrɛ mo sɛ munnnye Onyankopɔn adom no mmma n’atirimpɔw nnyɛ kwa. Na ɔka sɛ: ‘Bere a ɛfata mu mitiee wo, na nkwagye da meboaa wo.’ Hwɛ! Ɛnnɛ ne bere a ɛfata ankasa. Hwɛ! Ɛnnɛ ne nkwagye da.” Ná “bere a ɛfata” wɔ hɔ ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ afeha a edi kan no mu. Nnipa komapafo a wɔdɔ Yehowa no nyaa honhom fam ogye. Eyi maa awiei koraa no anokwafo a woguan fii Yerusalem ansa na ɔsɛe no reba wɔ afe 70 Y.B. no nyaa honam fam ogye.—2 Kor. 6:1, 2.
Ɛnnɛ nso, yɛte “bere a ɛfata” ne “nkwagye da” mu. Wɔn a Yehowa gye wɔn tom sɛ n’asomfo na wɔanya honhom fam ogye no wɔ anidaso sɛ wobegye wɔn wɔ honam fam wɔ ‘Yehowa da kɛse’ a abɛn pɛɛ no mu.—Sef. 1:14.
Yehowa da a ɛreba no de asɛyɛde a emu yɛ duru ato yɛn so. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ na yɛboa nnipa komapafo ma wonya Yehowa dom so mfaso sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nso. Paulo huu aniberesɛm a ɛwɔ asɛyɛde yi mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nokwarem no, sɛ manka asɛmpa no a, anka minnue!” Ɔsan kyerɛw sɛnea ɔte nka no ho asɛm sɛ: “Mede . . . anyansafo ne wɔn a wonni adwene nyinaa ka: enti me ho pere me sɛ mɛka asɛmpa no akyerɛ mo nso.”—1 Kor. 9:16; Rom. 1:14, 15.
Sɛ yɛanyɛ adwuma a ɛho hia a yɛde rebɔ nkurɔfo kɔkɔ no a, Yehowa de ho asodi bɛto yɛn so. Yenim asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel no: “Onipa ba, mede wo masi Israel fi wɛmfo; enti tie m’anom asɛm na bɔ wɔn kɔkɔ ma me. Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnde ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.”—Hes. 3:17, 18.
Nneɛma mu ayɛ den wɔ nna a edi akyiri yi mu. Sɛ́ yɛbɛhwɛ yɛn mmusua, ayɛ honam fam adwuma, na yɛde yɛn ho ahyɛ asafo dwumadi ne asɛnka mu no nyɛ ade a ɛda fam. Eyi nyinaa akyi no yare, adwenemhaw, ne mpanyinyɛ haw mo mu dodow no ara. Mo mu binom mpo hyia ɔtaa. Wɔasoa mo mu dodow no ara “nnesoa.” Yɛte nka ma mo na yɛne Yesu yɛ adwene bere a ɔkae sɛ: “Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.” (Mat. 11:28) Yɛde anigye kamfo mo nyinaa wɔ mmɔden a mobɔe wɔ nokwaredi a mode som Yehowa ɛmfa ho nsɛnnennen akɛse ne nketewa a muhyiae no ho.
Nsi a mode yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, ne denam Yehowa mmoa so no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a wɔbɔɔ nnipa 4,762 asu dapɛn biara. Wɔtew asafo ahorow 1,375 wɔ ɔsom afe a etwaam no mu. Yɛhwɛ kwan sɛ, ɛdenam Yehowa mmoa so no Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a wɔatintim wɔ kasa ahorow bɛboro 120 mu no bɛboa nnipa ɔpepem pii ma wɔanya Yehowa dom ne n’asomdwoe wɔ “nkwagye da” yi mu.
Munnya awerɛhyem sɛ Sodikuw no dɔ mo na yɛbɔ mpae ma mo. Yɛda mo nso ase sɛ mobɔ mpae ma yɛn.
Mo nuanom,
Yehowa Adansefo Sodikuw