Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase May 8
Dwom 2
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa asɛm foforo a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea wɔde May 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde May Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu no, ma ɔdawurubɔfo no mfa May 1 ne April 15 Ɔwɛn-Aban ne May Awake! no mma obi a ɔma no nsɛmma nhoma daa nanso esiane biribi nti ne nsa nkaa April 15 Ɔwɛn-Aban no. Sɛ ɔde nsɛmma nhoma abiɛsa no rema a, ɔbɛka biako pɛ ho asɛm. Adawurubɔfo betumi akɔsra wɔn a wɔma wɔn nsɛmma nhoma daa no pɛnkoro anaa mprenu wɔ ɔsram no mu.
20 min: “Munni M’akyi Daa.”* Bisabisa ɔdawurubɔfo bi a ɔyɛ nhwɛso pa na ɔbɔ mmɔden yɛ ne ho awiɛmfo na onni nneɛma a n’ani gye ho nkutoo akyi sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ayɛ pii wɔ Ahenni nneɛma mu na wasom afoforo no nsɛm tiawa. Ma ɔnka mfaso a wanya afi saa a ɔyɛ no mu nkyerɛ.
15 min: “Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ayamye a Wobɛda no Adi So.”a Di kan yɛ nhyehyɛe ma ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu nka mfaso a wɔanya afi ayamye a wɔdaa no adi wɔ asɛnka mu no nkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsuasua Yehowa, yɛn Nyankopɔn yamyefo no wɔ asɛnka mu.
Dwom 86 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 15
Dwom 9
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnhwɛ Noah—He Walked With God video no mfa nsiesie wɔn ho mma Ɔsom Nhyiam a yɛbɛyɛ no May 29 dapɛn no mu no.
13 min: Asafo mu suahu ahorow. Ma atiefo nka mfaso a wonyae bere a wɔde nsi yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ March ne April mu no nkyerɛ. Ma wɔnka Bible adesua a wotumi fii ase ne wɔn a wɔyɛ foforo a wɔboaa wɔn ma wɔbaa Nkaedi ase no ho asɛm. Ma atiefo nka adepa a afi Ɔkyerɛkyerɛfo anaa Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a wɔde redi dwuma wɔ asɛnka mu anaa wɔn ankasa abusua mu no ho asɛm nkyerɛ.
27 min: “Awo ne Abadinto.”b Ɛsɛ ɔpanyin a ɔfata di ho dwuma. Ɔfã yi gyina asɛm a ɛwɔ January 1, 2005 Ɔwɛn-Aban no asɛmti a ɛne: “Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho” so. Ɛsɛ sɛ nea obedi ho dwuma no siesie ne ho yiye na ɔte emu nnyinasosɛm ahorow no ase. Monkenkan nkyekyɛm no biara na mummisa nsɛm a ɛka ho no na ama emu ada hɔ. Ɛno akyi no, hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔn ankasa nkenkan Ɔwɛn-Aban no.
Dwom 106 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 22
Dwom 91
12 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no kyerɛ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa asɛm foforo a ɛfata mo asasesin no yɛ sɛnea wɔde May 15 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde May Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnyɛ sɛnea abusua bi rebobɔ nsɛm a wɔbɛka kyerɛ so no ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: Asafo mu ahiade.
18 min: Ahosiesie a Eye. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 131-133 so. Munsusuw nnyinasosɛm anum a wɔabobɔ so a ɛfa yɛn ntadehyɛ ne ahosiesie ho no ho. Kyerɛ mu sɛ, yebetumi afa anifere kwan so de asɛm yi aboa yɛn Bible asuafo ma wɔahu sɛnea wobesiesie wɔn ho yiye bere a wɔreba asafo nhyiam ahorow ase no.
Dwom 215 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase May 29
Dwom 42
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa wɔn May asɛnka akontaabu mmra.
10 min: Wɔbom Yɛ Adwuma wɔ Kristo Akanni Ase. Ɔkasa a egyina asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa “Nea Ne Dibea a Yebegye Atom no Kyerɛ” ase wɔ kratafa 13-15 wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde no mu.
25 min: “Nhwɛso Pa Ma Mpanyin ne Mmofra.” Mma nnianim nsɛm no nni simma biako na fa atiefo nkɔmmɔbɔ toa so na momfa nsusuw Noah video no ho bere a wode nsɛmmisa a ɛwɔ nkyekyɛm abien no mu nyinaa di dwuma no. Sɛ mmusua bi ahwɛ nea ɛwɔ DVD so no a, ma wɔnka sɛnea wɔanya mfaso afi ‘Akwan a Wɔfa So Sua Ade’ ho nyansahyɛ pii a ɛwɔ DVD yi a wɔhwɛe so no nkyerɛ. Ɛno akyi no, munsusuw asɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a ɛwɔ nkyekyɛm abiɛsa no ho.
Dwom 9 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase June 5
Dwom 176
5 min: Asafo mu nkaebɔ.
20 min: Dwennwene Yehowa Nnwuma Ho. (Dw. 77:12) Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw 2006 Yearbook no ho. Munsusuw nsɛm a ɛhyɛ nkuran a ɛwɔ krataa a efi Sodikuw hɔ no ho. (kr. 3-5) Munsusuw asɛm a ɛhyɛ asɛmti ketewa “Bible Translation” (Bible Nkyerɛase) ase no ho. (kr. 10-11) Monhyɛ no nsow sɛ, mubetumi ahu nsɛm a yɛatwe adwene asi so yi wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no kratafa 3-5 nso. Ka ɔsom afe a etwaam no mu nsɛntitiriw ne osuahu ahorow a ɛwɔ 2006 Yearbook mu no bi kyerɛ. (kr. 6-64) Ma atiefo nka nsɛm a wɔn ani agye ho wɔ 2006 Yearbook no mu nkyerɛ. Hyɛ obiara nkuran ma wɔmfa mmoa Bible asuafo ma wonnya Yehowa ahyehyɛde no ho anisɔ.
20 min: Sɛnea Wobɛyɛ Sankɔhwɛ a Etu Mpɔn. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina adaka a ɛwɔ kratafa 16 wɔ November 15, 2003, Ɔwɛn-Aban so no. Munsusuw nyansahyɛ ason no biara ho, na ma atiefo nka sɛnea wobetumi de eyinom adi dwuma wɔ asafo no asasesin mu no ho asɛm. Hyɛ adawurubɔfo nkuran ma wɔnyɛ sankɔhwɛ a botae no ne sɛ wɔne obiara a ogye nhoma anaa ɔkyerɛ asɛm no ho anigye befi Bible adesua ase. Fa nyansahyɛ a wɔde ama wɔ kratafa 6 wɔ January 2006 Yɛn Ahenni Som mu no di dwuma, na ma wɔnyɛ sɛnea wɔka Bible adesua ho asɛm bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 57 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.