Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Dapɛn a Efi Ase December 11
Dwom 174
8 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde December 1 Ɔwɛn-Aban ne asɛm a edi kan a ɛkyerɛ sɛnea wɔde December Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Ma wɔnkyerɛ sɛnea wobua obi a ɔka sɛ “M’ani nnye ho” de siw nkɔmmɔbɔ kwan no wɔ ɔyɛkyerɛ no biako mu.—Hwɛ Sɛnea Wofi Bible mu Nkɔmmɔbɔ Ase na Wɔtoa So nhomawa no, kr. 8.
17 min: Afe 2007 Teokrase Ɔsom Sukuu. Ɔkasa ne nsɛm a wobisabisa a sukuu sohwɛfo no di ho dwuma. Susuw nsɛm a ɛho hia sɛ musi so dua wɔ mo asafo mu a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ October 2006 Yɛn Ahenni Som mu no ho. Kyerɛkyerɛ mu sɛ sukuu sohwɛfo no renni kan nka ɔkasa su a osuani no bedi ho dwuma no. Esiane sɛ yɛbɛkenkan Hebri Kyerɛwnsɛm no afi Yesaia ti 24 akosi Malaki awie wɔ afe 2007 mu nti, anuanom a wɔbɛyɛ Bible mu nsɛntitiriw ne afoforo a wɔbɛma mmuae no betumi anya hokwan afe yi de yɛn nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ saa nkɔmhyɛ nhoma a ɛwɔ Bible mu yi mu no adi dwuma. Paw adawurubɔfo baanu anaa baasa fi nea edidi so yi mu bisabisa wɔn nsɛm: osuani foforo, abofra a ɔrenya nkɔso wɔ sukuu no mu, ne osuani a ne ho akokwaw. Ma wɔnka sɛnea sukuu no aboa wɔn wɔ asɛnka ne asafo no mu. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔmfa nsi nyɛ wɔn dwumadi, mfa wɔn ho nhyɛ Bible mu nsɛntitiriw ho mmuaema mu, na wɔmfa nyansahyɛ a nnawɔtwe biara yenya fi Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma mu no nyɛ adwuma. Kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔakyerɛ baabi foforo a wɔn a wontumi nkenkan Borɔfo kasa no bɛhwɛ de ayɛ wɔn dwumadi no. Eyi bɛboa obiara ma watumi de nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn kasa mu no asiesie ne ho.—Hwɛ Nkaebɔ afã hɔ.
20 min: “Nnyaw Ɔdɔ a na Wowɔ Kan No.”a Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no mu asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 193 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 18
Dwom 150
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Kenkan August Ɔsom Akontaabu ne “Ɔsom Afe Amanneɛbɔ” a ɛwɔ Nkaebɔ afã no na munsusuw ho. Hyɛ obiara nkuran ma ɔmfa n’akontaabu mmra ntɛm na ama yɛn kyerɛwtohɔ no adi mu. Ka nhyehyɛe titiriw a moayɛ ama asɛnka wɔ December 25 ne January 1 no ho asɛm.
15 min: “San Kɔ Wɔn a Wɔkyerɛ Asɛm no Ho Anigye Bi no Nyinaa Nkyɛn.”b Ma atiefo nka nea ɛyɛe a wɔmaa wɔn a wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye kyerɛɛ wɔn baabi a wɔbɛsan ahu wɔn bere a wɔredi adanse bɔnnɔ so anaa wɔ abɔnten so no. Ma wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔkɔɔ saafo no hɔ sankɔhwɛ no nso. Wubetumi adi kan ne onipa baako anaa nnipa baanu asusuw asɛm a wɔbɛka ho.
20 min: Fa Bible Di Dwuma wɔ Wo Mmuaema Mu. Atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina August 15, 2002, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-18 so wɔ asɛmti ketewa “Ɔdɔ a Yɛbɛkyerɛ Ama Nokware Ahorow a Yɛkyerɛkyerɛ No” ase. Ma atiefo nkyerɛ wɔn adwene wɔ asɛmmisa biara ho. Ma ɔdawurubɔfo bi mfa Reasoning nhoma no nyɛ sɛnea ɔde Kyerɛwnsɛm no bua ne yɔnko dwumayɛni a obisa no sɛ, “Dɛn nti na munni Buronya?” no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 168 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase December 25
Dwom 210
9 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no ma wɔnyɛ sɛnea wɔde December 15 Ɔwɛn-Aban anaa asɛm a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛnea wɔde December Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ ɔdawurubɔfo no de ɔyɛkyerɛ no ba awiei a, ommisa asɛm bi a ɛkanyan adwene a obetumi de Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no abua wɔ nsrahwɛ a edi hɔ no mu.
18 min: Asafo mu ahiade. Asafo ahorow a wɔakɔ wɔn ɔmantam nhyiam dedaw no betumi de saa fã yi atĩ nhyiam no mu nsɛm mu sɛnea yɛkae wɔ November 2006 Yɛn Ahenni Som, kratafa 2 mu no.
18 min: “Wowɔ W’ankasa Asasesin?”c Fa baabi a mo asafo no asasesin kodu, mpɛn dodow a mode yɛ asasesin no mu adwuma, ne asasesin a ɛwɔ hɔ a wobetumi akyekyɛ ama ankorankoro ho nsɛm a woagye afi ɔsom adwuma sohwɛfo no hɔ ho nsɛm tiawa ka ho.
Dwom 219 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase January 1
Dwom 158
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kae adawurubɔfo, titiriw wɔn a wɔrekɔ ɔmantam nhyiam no ma wɔmfa December asɛnka akontaabu mmra.
20 min: Ɔsom Adwuma no Nkɔso Ho Amanneɛbɔ. Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a egyina Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no so, fi asɛmti ketewa a ɛwɔ kratafa 83 kosi ti no awiei. Sɛ moresusuw kratafa 85-87 no ho a, si hia a ehia sɛ yɛn nyinaa de yɛn Asɛnka Akontaabu bɛba ntɛm ɔsram biara no so dua. Tĩ “Asɛnka Akontaabu a Ɛka Akyi” a ɛwɔ November 2006 Yɛn Ahenni Som kratafa 2-3 no mu tiawa.
20 min: “Gyinae Bɛn na Ɛsɛ sɛ Misi wɔ Mogya mu Nneɛma Nketenkete ne Aduruyɛ mu Akwan a Wɔfa so de M’ankasa Mogya Di Dwuma Wom Ho?” Asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ a ɔyɛkyerɛ ka ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔbɛyɛ dwumadi yi di krataa a efi Betel adwumayɛbea no akyi pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔbɛkɔ ɔmantam nhyiam no yɛ nhyehyɛe na wosusuw asɛm yi ho dapɛn foforo.
Dwom 120 ne mpaebɔ a wɔde wie.
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.