Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ February 26, 2007 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina January 1 kosi February 26, 2007 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Sɛ yɛrema ɔkasa a, bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma mfaso a ɛwɔ asɛm no mu da adi, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so? [be-TW kr. 158 nky. 2-4]
2. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛma afoforo hu aba a ɛwɔ asɛm a yɛreka no mu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? [be-TW kr. 159 nky. 3-4]
3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw nsɛmfua a yɛde yɛ adwuma no yiye? [be-TW kr. 160]
4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛaka nsɛmfua a ɛteɛ na yɛadannan mu? [be-TW kr. 161 nky. 5-6; kr. 162 nky. 1, 4]
5. Mfaso bɛn na ɛwɔ kratasin a yɛhwɛ so anaa nsɛm a yɛahyehyɛ wɔ yɛn tirim ma ɔkasa no so? [be-TW kr. 166 nky. 1-3]
DWUMADI 1
6. Sɛ yenya akenkan dwumadi a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so siesie dwumadi no? [be-TW kr. 43 nky. 2, 4]
7. Dɛn na ehia na ama yɛanya Yehowa adwene wɔ nea ɛyɛ papa ne bɔne ho? (Heb. 5:14) [w05-TW 1/1 kr. 9 nky. 11]
8. Sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm bi na ɛma yenya adwene bi sɛ ebia Onyankopɔn ammu atɛntrenee anaasɛ wanyɛ nea ɛteɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? [w05-TW 2/1 kr. 24 nky. 7]
9. Sɛ nea nnipa hwehwɛ sɛ yɛyɛ no tia Onyankopɔn mmara a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? [w05-TW 4/15 kr. 12 nky. 9]
10. Ɔkwan bɛn so na Yesia nhoma no twe adwene si Mesia no Ahenni ne Yohane Osuboni a osiesiee kwan maa Yesu no so? [si-E kr. 123 nky. 35]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Dɛn ne “ntama” ne “nkataso” a wɔaka ho asɛm wɔ Yesia 25:7 no?
12. Nnipa bɛyɛ dɛn na wɔatumi ‘ahu’ Yehowa na ‘wɔate’ ne nne? (Yes. 30:20, 21)
13. Esiane sɛ na Hesekia pɛ sɛ ɔtra ase kyɛ ara nti na ɔbɔɔ mpae a ɛwɔ Yesia 38:3 no. Ɛyɛ Ampa anaa Atoro?
14. Ɔkwan bɛn so na na Israelfo no betumi asom sɛ Yehowa adansefo, na dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua wɔn? (Yes. 43:10)
15. Dɛn na wɔhwehwɛ sɛ obi a ‘ɔsoa Yehowa nnwinne’ no yɛ ma ɛne nkɔmhyɛsɛm a wɔaka wɔ Yesia 52:11, 12 hyia?