Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Bɛn Yehowa. March: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mma. Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! mma. June: Momfa Creator nhoma no anaa Abusua Mu Anigye nhoma no mma.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn. Sɛ mopɛ ho nyansahyɛ ahorow a, monsan nkenkan S-201 nkrataa a wɔkyerɛw no afe afe no.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ mowɔ adansi ho foto anaa sika foforo bi a ɛwɔ boayikuw a wɔhwɛ dan so no hɔ a, ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ ɛno nso mu. Sɛ wɔyɛ eyinom wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.
◼ Baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no 2007 Nkaedi bere no asɛmti ne, “Wubetumi Anya Ahobammɔ wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Yi Mu!” Hwɛ ɛho nkaebɔ wɔ October 2006 Yɛn Ahenni Som no mu.