Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ August 27, 2007, no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina July 2 kosi August 27, 2007 adapɛn no mu no so.
ƆKASA SU
1. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada obu adi akyerɛ afoforo wɔ asɛnka mu ne asafo no mu nso? [be-TW kr. 192 nky. 2-4]
2. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi de ahotoso akasa? [be-TW kr. 196 nky. 1-3]
3. Nyansahyɛ ahorow a wɔde ama yɛn a ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ anifere bere a yɛredi afoforo adanse no bi ne dɛn? [be-TW kr. 198 nky. 1-kr. 199 nky. 1]
4. Sɛ yɛredi afoforo adanse a, ɔkwan bɛn so na anifere a yɛbɛyɛ no bɛma yɛahu bere a ɛfata sɛ yɛka asɛm bi? (Mmeb. 25:11) [be-TW kr. 199 nky. 2-4]
5. Sɛ yɛrema ɔkasa a, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka nsɛm a ɛhyɛ nkuran? [be-TW kr. 203 nky. 3–kr. 204 nky. 1]
DWUMADI 1
6. Dɛn na yebetumi aka afa nea ɔkyerɛw Hesekiel nhoma no ho, sɛnea wogye tom sɛ ɛyɛ nhoma a ɛka Kyerɛw Kronkron no ho, ne sɛnea ɛyɛ nokware no ho? [si-E kr. 133 nky. 3]
7. Su bɛn na ɛsɛ sɛ obi nya na ama watumi agyina atɛnkyea ano? [w05-TW 6/1 kr. 29 nky. 4]
8. Dɛn na yesua fi mmuae a Yesu de maa Sadukifo a wokobisaa no owusɔre ho asɛm no mu? (Luka 20:37, 38) [be-TW kr. 66 nky. 4]
9. Sɛ Bible suani anaa yɔnko gyidini bi bisa wo nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔ tebea bi ho a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ woma no mmuae? [be-TW kr. 69 nky. 4-5]
10. Yɛn ‘adwene a yɛbɛma wɔayɛ no foforo no’ hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn? (Efe. 4:23) [be-TW kr. 74 nky. 4]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Ɔbarima a ɔhyɛ nwera a wɔaka ne ho asɛm wɔ Hesekiel 9:2-4 no gyina hɔ ma henanom, na nkurɔfo “momaso agyirae” a wɔhyɛ no kyerɛ dɛn? [w88-TW 11/1 kr. 12 nky. 18]
12. Ɔkwan bɛn so na Kristoman mu asɔre akannifo te sɛ “adiyifo nkwasea a [na] wodi wɔn honhom akyi” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hesekiel 13:3 no? [w99-TW 10/1 kr. 13]
13. Dɛn na na Israelfo no repɛ akyerɛ bere a wobuu “bɛ” a ɛwɔ Hesekiel 18:2 no, na asuade a ɛfa sɛnea obiara bebu n’akontaa ho asɛm bɛn na esi so dua? [w88-TW 11/1 kr. 16 nky. 10]
14. Ɔkwan bɛn so na Hesekiel tɔɔ “mum” wɔ bere a wɔkaa Yerusalem hyɛɛ mu na wɔsɛee no no? (Hes. 24:27; 33:22) [w03-TW 12/1 kr. 29]
15. Hena ne ‘Gog a ofi Magog asase so’ no, na bere bɛn na ɔbɛyɛ n’adwene sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo? (Hes. 38:2, 16) [w97-TW 3/1 kr. 14 nky. 1–kr. 15 nky. 3]