Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/07 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 8/07 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Momfa nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mubetumi de ayɛ adwuma wɔ mo asasesin mu mma. September: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma mma. November: Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No.

◼ Esiane sɛ adapɛn anum na ɛwɔ September mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma.

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow fi ase kra 2008 Calendar of Jehovah’s Witnesses, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2008, ne 2008 Yearbook of Jehovah’s Witnesses ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho. Yebenya Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2008 no bi wɔ Borɔfo, Ewe, Ga, Twi, ne kasa afoforo te sɛ Franse mu.

◼ Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ yɛayɛ nhyehyɛe foforo sɛ yɛde afe 2008 Afe Asɛm a Wɔatintim bɛbrɛ mo ma mode abɔ Ahenni Asa so NKUTOO. Wobetintim afe asɛm yi wɔ Borɔfo, Dangme, Ewe, Ga, Nzema ne Twi kasa mu. Ɛsɛ sɛ asafo ahorow a wɔka kasa yi mu biara yɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛfa asafo a ɛkra nhoma ma wɔn no so akra afe asɛm yi biako wɔ wɔn kasa mu aka nneɛma a wɔkra no afe afe a yɛaka ho asɛm yi ho wɔ nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no kratasin so. Monhwɛ sɛ mode kasa biara Afe Asɛm a Wɔatintim no bɛbɔ asa no so. Sɛ morekra afe asɛm yi a, yɛsrɛ sɛ monkyerɛw nhyɛ baabi a hwee nni wɔ “Miscellaneous” afã hɔ wɔ S-14 no so. Monhwɛ sɛ mobɛkyerɛw kasa ko no yiye. Ebia asafo no bɛpɛ sɛ woyi ntoboa wɔ Afe Asɛm a Wɔatintim no ho. Mubetumi de aka sika a mode mena Betel ɔsram biara no ho.

◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wonni obiara a wɔatu no anaasɛ watew ne ho a ebia ɔpɛ sɛ wɔsan gye no no ho akwankyerɛ a wɔde ama wɔ April 15, 1991, Ɔwɛn-Aban no kratafa 21-23 no akyi.

◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wɔnsan nsusuw akenkan ne akyerɛw ho nhyehyɛe a ɛho akwankyerɛ wɔ krataa a yɛkyerɛw no January 20, 2005 mu no ho. Monhwɛ sɛ mubedi akwankyerɛ a ɛwom no akyi pɛpɛɛpɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena