Teokrase Ɔsom Sukuu Ntimu
Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase February 25, 2008 no mu. Sukuu sohwɛfo no de simma 30 bɛyɛ ntĩmu a egyina January 7 kosi February 25, 2008 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu nhoma, kr. 36-37.]
ƆKASA SU
1. Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi aboa yɛn atiefo ma wɔate kyerɛw nsɛm a yɛkenkan no ase, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyɛ saa? [be-TW kr. 228 nky. 2-3]
2. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛka nsɛm a yɛn atiefo no betumi afa aba afi mu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? [be-TW kr. 230 nky. 3-5, adaka]
3. Akwan bɛn so na nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no betumi ama kasa ahorow a yɛma no ayɛ nea aba wom paa? [be-TW kr. 231 nky. 1-3]
4. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de kyerɛw nsɛm bi a yɛn atiefo nim no yiye adi dwuma ma ayɛ nea aba wom paa? [be-TW kr. 231 nky. 4-5]
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm a yɛkenkan no mu? [be-TW kr. 232 nky. 3-4]
DWUMADI 1
6. Dɛn na ɛma yehu sɛ Yudafo titiriw nti na wɔkyerɛw Mateo nhoma no? [si-E kr. 176 nky. 6-7]
7. Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn koma atie akwankyerɛ a Onyankopɔn de ma yɛn wɔ asafo nhyiam ase no? (2 Be. 20:33) [be-TW kr. 13 nky. 4–kr. 14 nky. 5]
8. Awofo bɛyɛ dɛn atumi atete wɔn mma ma “woahu nyansa akɔ nkwagye mu”? (2 Tim. 3:15) [be-TW kr. 16 nky. 3-4]
9. Ɔkwan bɛn so na Mateo Asɛmpa no si Bible nkɔmhyɛ mmamu so dua? [si-E kr. 181 nky. 32]
10. Bere a Mateo Asɛmpa no ka Yesu ho asɛm sɛ ɔno ne Mesia ne Ɔhene a wɔhyɛɛ no ho bɔ no, ɔkwan bɛn so na Marko Asɛmpa no nso ka ne ho asɛm? [si-E kr. 182 nkr. 7-8]
DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN
11. Sɛ obi da n’abufuw adi a, so anibere wom paa sen nea ɔde n’abufuw hyɛ ne mu no? (Mat. 5:21, 22) [w08-TW 1/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Mateo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
12. Dɛn na Kristofo yɛ de kyerɛ sɛ wɔn ‘aniwa hwɛ tee’? (Mat. 6:22, 23) [w06-TW 10/1 kr. 29]
13. Dɛn na na Yesu rekyerɛ bere a obisaa n’asuafo no sɛ: “So motee eyinom nyinaa ase?” no. (Mat. 13:51, 52) [w08-TW 1/15 “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Mateo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw”]
14. Dɛn nti na na Yesu taa ka kyerɛ wɔn a ɔsa wɔn yare no sɛ “wɔmmma nkurɔfo nnhu nipa ko a ɔyɛ” no? (Mat. 12:16) [w87-E 5/15 kr. 9; cl-TW kr. 93-4]
15. Ná Yesu rekyerɛ dɛn bere a ɔkaa “susukora” a wɔde ‘susuw’ ade ho asɛm no? (Mar. 4:24, 25) [w80-E 6/15 kr. 12; gt-TW ti 43]