Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/08 kr. 7
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 2/08 kr. 7

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma February: Is There a Creator Who Cares About You? anaa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Mommɔ mmɔden sɛ mubefi Bible adesua ase. April ne May: Ɔwɛn-Aban ne Awake! nsɛmma nhoma. Yɛbɛyɛ nhyehyɛe soronko akɔ anigyefo foforo a wɔbaa Nkaedi no na wobetiee ɔkasa titiriw no nanso wɔne asafo no mmɔ kɛse no nkyɛn. Nsrahwɛ a ɛtete saa no atirimpɔw ne sɛ yɛne wɔn a wɔne obiara nyɛ Bible adesua no befi bi ase.

◼ Esiane sɛ dapɛn awiei anum na ɛwɔ March mu nti, ɛyɛ bere pa a yebetumi de ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no.

◼ Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo no hwehwɛ daa akwampaefo nyinaa dwumadi mu. Sɛ ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wobenya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ no a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe ma wɔboa wɔn.

◼ Baguam ɔkasa titiriw a wɔbɛma no 2008 Nkaedi bere no asɛmti ne “Hena Na Ɔfata sɛ Odi Adesamma So?” Hwɛ ɛho nkaebɔ wɔ September 2007 Yɛn Ahenni Som no mu.

◼ Yɛrekae asafo mu mpanyimfo sɛ wonsiesie wɔn ho yiye mma Nkaedi no. Nea ɛbɛboa ma wɔayɛ eyi no, yɛsrɛ sɛ wɔnsan nkenkan krataa a yɛkyerɛw no March 5, 2007 no, ne March 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena