Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
MONHYƐ NO NSOW: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 4” wɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu a yebesusuw ho wɔ September 15 ne 22 adapɛn no mu. Sɛ mobɛyɛ ɔmansin nhyiam adapɛn yi mu a, ɛsɛ sɛ mpanyimfo no yɛ nhyehyɛe na wɔyɛ no dapɛn foforo mu, na wɔde bere a wɔde ama no nyinaa susuw ho.
Dapɛn a Efi Ase September 8
Dwom 204
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma dwumadi a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no nkyekyɛm 1-8 a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no. Siesie wo ho sɛ wode nsɛmma nhoma a aba foforo no bɛma. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ nsɛmma nhoma a aba foforo no mu nsɛm a nnipa a wɔwɔ asasesin no mu ani agye ho paa. Ma wɔnkyerɛ nsɛmmisa ne kyerɛw nsɛm a wɔde fii nkɔmmɔbɔ no ase. Ma wɔnyɛ sɛnea yɛde nyansahyɛ a wɔde ama wɔ Yɛn Ahenni Som yi mu no bɛyɛ adwuma ho ɔyɛkyerɛ. Ma ɔpanyin baako mfa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a wasiesie a ɛbɛfata mo asasesin no nyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa.
15 min: Boa Bible Asuafo ma Wɔmmɛyɛ Akyerɛkyerɛfo. Ɔkasa a egyina January 15, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 29-30, nkyekyɛm 14-20 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɛrekyerɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi rekyerɛkyerɛ baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua mu akyerɛ Bible suani a ɔyɛ foforo, na ɔto nsa frɛ no sɛ ɔmmra bi.
20 min: Sɛnea Yebegyina Yɛn Ho Adwemmɔne a Afoforo wɔ Ano wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa a ɔpanyin ma a egyina nsɛm a wɔatintim wɔ yɛn nhoma mu a ɛkyerɛ sɛnea yɛn ho adwemmɔne a afoforo wɔ no betumi aka yɛn som adwuma no. Kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi adi adwemmɔne a ɛte saa so mu. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ asɛnka ne yɛn abrabɔ mu no betumi aboa nnipa a wɔwɔ yɛn ho adwemmɔne no ma wɔn ani abegye nokware no ho. Enti ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn kasa ne yɛn abrabɔ yiye bere nyinaa. (1 Pet. 2:12; 3:1, 2) Ka osuahu a moanya wɔ mo mpɔtam hɔ anaa nea ɛwɔ yɛn nhoma mu a ɛkyerɛ sɛnea yebetumi adi yɛn ho adwemmɔne a afoforo wɔ no so ho asɛm.
Dwom 127
Dapɛn a Efi Ase September 15
Dwom 94
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.
40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 4.”a Munsusuw nkyekyɛm 1-8 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛ nhwɛso pa di ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔmfa kyerɛw nsɛm no nhyehyɛ wɔn mmuae mu na wɔnkyerɛ sɛnea nnyinasosɛm a ɛwom no fa asɛm no ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonsiesie wɔn ho mma nkyekyɛm 9-16 a yebesusuw ho dapɛn a edi hɔ no.
Dwom 51
Dapɛn a Efi Ase September 22
Dwom 104
5 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no.
40 min: “Nea Kyerɛwnsɛm no Ka wɔ Ayiyɛ ho a Yebegye Atom—Ɔfã 4.”b Munsusuw nkyekyɛm 9-16 ho. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin a ɔyɛɛ dwumadi yi dapɛn a etwaam no ara di eyi ho dwuma. Monkenkan nkyekyɛm no nyinaa. Monkenkan kyerɛw nsɛm a wɔapaw no na monkyerɛkyerɛ mu. Hyɛ atiefo no nkuran ma wɔnkɔ so nni Yehowa nokware denam abosonsom ne wiase nneyɛe nyinaa a wɔbɛtwe wɔn ho afi ho no so, na wonnye nea Kyerɛwnsɛm no ka wɔ ayiyɛ ho no ntom.
Dwom 190
Dapɛn a Efi Ase September 29
Dwom 45
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Ka May Ɔsom Akontaabu ho asɛm na kamfo wɔn nyinaa wɔ mmɔden a wɔbɔe de wɔn ho hyɛɛ asɛnka mu ne asɛnka akontaabu a wɔde baa ntɛm no ho asɛm tiawa. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa September asɛnka akontaabu mma. Di kan ne ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu nhyehyɛ ho ma wɔnka osuahu ahorow a wonyae wɔ bɔnnɔ so adansedi mu wɔ akwamma bere anaa bere a wɔrekogye wɔn ahome, ne mmere afoforo mu nkyerɛ.
15 min: Dɛn na Yetumi Yɛe wɔ Afe a Etwaam no Mu? Ɔkasa ne atiefo nkɔmmɔbɔ a ɔsom adwuma sohwɛfo anaa ɔpanyin foforo a ɔfata di ho dwuma. Ka nea mo asafo no tumi yɛe wɔ ɔsom afe a etwaam no, na twe adwene si nneɛma a ɛhyɛ nkuran a mutumi yɛe no so. Kamfo wɔn sɛnea ɛsɛ. Di kan ne ɔdawurubɔfo baako anaa adawurubɔfo baanu nhyehyɛ ho ma wɔnka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wonyae. Kyerɛ ɔsom adwuma no afã bi a ɛsɛ sɛ asafo no bɔ wɔn ho mmɔden wom wɔ ɔsom afe a ɛreba no mu, na kyerɛ akwan a mubetumi afa so ayɛ saa.
20 min: “Kratawa Ho Ɔsatu Titiriw a Efi Ase October 20 Kosi November 16!”c Sɛ mo nsa aka kratawa no a, momma atiefo no mu biara biako. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 2 ho a, ka kratawa no mu nsɛm tiawa. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 4 ho a, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde kratawa no bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, ma wɔnyɛ sɛnea ɔdawurubɔfo bi de kratawa no refi Bible adesua ase bere a ɔreyɛ sankɔhwɛ no ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 9
Dapɛn a Efi Ase October 6
Dwom 15
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Munsusuw krataa a efi Betel, a ɛwɔ kratafa 1 no ho.
15 min: Asɛmmisa Afã. Atiefo nkɔmmɔbɔ. Fa June 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 20-22, nkyekyɛm 10-16 no mu nsɛm ka ho.
20 min: “Kyerɛkyerɛ Afoforo ma Wɔnnɔ Yehowa.”d Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu nsɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 132
[Ase hɔ nsɛm]
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.