Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/09 kr. 1
  • Munsiesie Mo Ho Yiye Mma Nkaedi No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munsiesie Mo Ho Yiye Mma Nkaedi No
  • Yɛn Ahenni Som—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2009
km 3/09 kr. 1

Munsiesie Mo Ho Yiye Mma Nkaedi No

Hwɛ anigye ne hokwan a Kristo akyidifo anya sɛ wobesiesie wɔn ho yiye ama anadwo a wɔbɛkae Yesu Kristo wu no! (Luka 22:19) Nneɛma a ehia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie yɛn ho ma Nkaedi no?

◼ Bere ne Beae: Ɛsɛ sɛ wɔma obiara hu bere ne beae pɔtẽẽ a wɔbɛyɛ Nkaedi no. Sɛ asafo bɛboro biako na wobehyiam wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛho hia sɛ wofi ase wɔ bere ano na wɔatumi afi hɔ bɔkɔɔ a wɔn ho nkyere wɔn, efisɛ bere a ɛda dwumadi no ntam no sua. Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden na wɔankɔkyere so wɔ abrannaa no so, apon no ano, anammɔn kwan a wɔfa so no so, ne beae a wɔde kar sisi no.

◼ Nsato Krataa: So adawurubɔfo nyinaa nsa aka nsato krataa no bi na wonim nsɛm a ɛwom? So moabobɔ sɛnea mode nsato krataa no bɛma no so? Nnipa bɛn na wobɛma wɔn nsato krataa no bi? Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde nsato krataa biara a mowɔ no bɛma.

◼ Kar Ho Nhyehyɛe: Anigyefo ne anuanom mmarima ne mmea binom wɔ hɔ a wobehia nea wɔde bɛfa kar anaa mmoa afoforo na wɔatumi aba Nkaedi no. Nhyehyɛe bɛn na moayɛ a mode bɛboa wɔn?

◼ Paanoo ne Bobesa: Monhwɛ sɛ owia bɛtɔ ansa na mode paanoo ne bobesa no afa nnipa no anim. Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de paanoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a esiane ahoɔden a onni nti, ontumi mma no. Ɛsɛ sɛ munya paanoo ne bobesa a ɛfata de sisi hɔ ansa na dwumadi no afi ase.—Monhwɛ February 15, 2003, Ɔwɛn-Aban, kratafa 14-15, nkyekyɛm 14, 17.

◼ Ahenni Asa: Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie asa no so fɛfɛɛfɛ. Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass, ɔpon ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so kɔhyehyɛ. Sɛ mubegye baabi foforo de ayɛ Nkaedi no a, ɛsɛ sɛ mohwɛ sɛ mubenya akasam afiri a ɛfata wɔ hɔ na ama wɔn a wɔbɛba nyinaa atumi ate asɛm a ɔkasafo no bɛka no. Munni kan mpaw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde paanoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim, na monkyerɛ wɔn nnwuma a wɔbɛyɛ, ɔkwampa a wɔbɛfa so ayɛ no, ne hia a ehia sɛ wosiesie wɔn ho ma ɛfata.

Sɛ́ ankorankoro anaa asafo no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma da titiriw a yɛde bɛkae Yesu Kristo wu no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yehowa behyira wɔn a wobefi wɔn komam akyerɛ nea Yehowa nam ne Dɔba, Yesu Kristo afɔrebɔ no so ayɛ ama adesamma nyinaa no pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena