Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Nhomawa biara a ekura nkratafa 32 a mowɔ bi. September: Momfa Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? mma. Baabi a ebetumi ayɛ yiye sɛ adawurubɔfo de nhoma yi befi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan mu no, wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa. Ma wɔnyɛ Bible adesua ho ɔyɛkyerɛ tiawa mfa nkyerɛ sɛnea afiewuranom betumi anya so mfaso. October: Momfa Watchtower ne Awake! mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ asɛm no ho anigye no, momfa kratawa So Wopɛ sɛ Wuhu Nokware No? mma, na mo ne wɔn nsusuw emu nsɛm no ho. November: Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ afiewuranom wɔ nhoma yi bi dedaw a, adawurubɔfo betumi de nhoma biara a ekura nkratafa 192 a mowɔ bi no ama.