Ɔsom Adwuma Nkɔso
Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛbɔ mo amanneɛ sɛ yenyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 93,175 wɔ February mu. Wɔ March mu no, yɛde nsɛmma nhoma 711,746 na ɛmae, na yɛyɛɛ Bible adesua horow 263,404. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, ɔdawurubɔfo biara de nsɛmma nhoma bɛyɛ asia na ɛmae, na ɔyɛɛ Bible adesua abien. Yɛkamfo mo nyinaa sɛ mode nsi yɛɛ asɛnka adwuma no. Yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛboa yɛn Bible asuafo no mu pii ma wɔabɛfata sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo.