Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/10 kr. 1
  • “Nsuro”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nsuro”
  • Yɛn Ahenni Som—2010
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Ka Onyankopɔn Asɛm No Akokoduru So’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Sɛnea Ɔdɔ Boa Yɛn Ma Yedi Ehu So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Yehowa Bɛma Wo Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Munsuasua Yesu—Monka Asɛm No Akokoduru So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2010
km 10/10 kr. 1

“Nsuro”

1. Te sɛ Yeremia no, nsɛnnennen bɛn na yebetumi ahyia?

1 Bere a wɔhyɛɛ Yeremia sɛ odiyifo no, na ɔte nka sɛ ɔmfata. Nanso, Yehowa maa no awerɛhyem sɛ mma ‘onsuro,’ na ɔhyɛɛ no den ma otumi wiee n’adwuma no. (Yer. 1:6-10) Wɔ yɛn bere yi mu nso, fɛre anaa ahotoso a ebinom nni no tumi ka sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a, sɛnea nnipa bi yɛ wɔn ade anaa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho no betumi ama ayɛ den sɛ yebedi adanse. Yɛbɛyɛ dɛn adi ehu a ɛte saa so, na nhyira bɛn na ebefi mu aba?

2. Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma asɛnka a, ɔkwan bɛn so na ɛremma ehu nnka yɛn pii?

2 Di Kan Siesie Wo Ho: Sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma asɛnka a, ɛremma ehu nnka yɛn pii. Sɛ nhwɛso no, sɛ yedi kan susuw asɛm a nkurɔfo taa ka de siw nkɔmmɔbɔ kwan ho a, yebetumi asiesie nsɛm a yɛbɛka akyerɛ wɔn. (Mmeb. 15:28) Dɛn nti na mommfa Abusua Som bere no bi nsiesie mo ho mma nsɛnnennen a mubetumi ahyia wɔ sukuu ne ɔsom adwuma no mu?—1 Pet. 3:15.

3. Ɔkwan bɛn so na Yehowa mu ahotoso boa ma yedi ehu so?

3 Fa Wo Ho To Yehowa So: Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so a, ɛboa ma yedi ehu so. Yehowa hyɛ bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn. (Yes. 41:10-13) Awerɛhyem bɛn na ɛsen eyi? Bio nso, Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ, sɛ yehyia tebea bi a yɛnhwɛ kwan a, Onyankopɔn honhom kronkron bɛboa ma yɛadi adanse wɔ ɔkwan a ɛfata so. (Mar. 13:11) Enti, srɛ Yehowa daa ma ɔmfa ne honhom kronkron mmoa wo.—Luka 11:13.

4. Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho nsɛnnennen a yehyia a, nhyira bɛn na yenya?

4 Nhyira Ahorow: Sɛ yɛkɔ so yɛ asɛnka adwuma no ɛmfa ho nsɛnnennen a yehyia a, ɛbɛhyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina sɔhwɛ afoforo a yebehyia daakye no ano. Ɛma yɛn akokoduru na yɛyɛ nam—eyinom yɛ su ahorow a honhom kronkron ma yenya. (Aso. 4:31) Bio nso, bere a Yehowa boa ma yedi ehu so no, ɛhyɛ yɛn gyidi den, na yenya ne basa a egye nkwa no mu ahotoso. (Yes. 33:2) Yɛsan nso nya anigye ne abotɔyam, efisɛ yenim sɛ yɛreyɛ nea ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. (1 Pet. 4:13, 14) Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛde akokoduru ka Ahenni asɛm no a yensuro, efisɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa taa yɛn akyi bere nyinaa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena