Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase October 18
DAPƐN A EFI ASE OCTOBER 18
□ Asafo Bible Adesua:
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: 1 Beresosɛm 8-11
No. 1: 1 Beresosɛm 11:1-14
No. 2: Akwan Bɛn So na Honhom no ne Ayeforo no Ka sɛ, “Bra”? (Adi. 22:17)
No. 3: So Yehowa Adansefo Gye Di sɛ Wɔn Som no Nkutoo na Ɛyɛ Nokware? (rs-E kr. 203 ¶4-5) (+jt kr. 29 ¶2)
□ Ɔsom Nhyiam:
5 min: Nkaebɔ.
10 min: Nea Enti a Ɛho Hia sɛ Yɛhwɛ Atiefo Anim wɔ Asɛnka Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 124, nkyekyɛm 1, kosi kratafa 125, nkyekyɛm 4 so.
20 min: “Nhomawa Foforo a Yɛde Bɛma!” Asɛmmisa ne mmuae. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 1 ho a, ka nhomawa no mu asɛm tiawa. Sɛ mususuw nkyekyɛm 2 ne 3 ho wie a, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Afei sɛ mususuw nkyekyɛm 4 ho wie a, ma wɔnyɛ sɛnea wɔde befi Bible adesua ase bere a wɔreyɛ sankɔhwɛ no ho ɔyɛkyerɛ.