Ɔsom Adwuma Nkɔso
Afe 2010 ɔsom afe akontaabu no ma yehu sɛ Yehowa rehyira Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. (Mat. 28:19, 20) Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 104,050 na wobuu akontaa wɔ August mu! Daa akwampaefo dodow 7,485 a wɔyɛɛ otwa adwuma no bi no nso yɛ nkɔanim a ɛsen biara. Yɛyɛɛ ofie Bible adesua 326,791. Anuanom, yɛma mo ayekoo!
Wɔ afe 2010 ɔsom afe no mu no, wɔbɔɔ nnipa 7,136 asu. Eyi boro nnipa dodow a wɔbɔɔ asu afe a etwaam no de so 1,255. Eyi nso yɛ nkɔanim a ɛsen biara. Bere a yɛreyɛ adwumaden wɔ ɔsom afe foforo yi mu no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa behyira mmɔden a yɛn nyinaa rebɔ wɔ ɔsom adwuma no mu no so.