Nhyehyɛe Ma Dapɛn a Efi Ase May 30
DAPƐN A EFI ASE MAY 30
Dwom 33 ne Mpaebɔ
□ Asafo Bible Adesua:
bt ti 4 ¶5-12 (Simma 25)
□ Teokrase Ɔsom Sukuu:
Bible akenkan: Dwom 26-33 (Simma 10)
No. 1: Dwom 31:9-24 (Simma 4 anaa nea ennu saa)
No. 2: Ahobrɛase Ankasa Ho Nhwɛso a Ɛwɔ Bible Mu (Simma 5)
No. 3: So Ɛsɛ sɛ Yudafo Gye Yesu Di na Wɔagye Wɔn Nkwa?—rs-E kr. 222 ¶3–kr. 223 ¶1; +w10 3/15 kr. 10 ¶2-3 (Simma 5)
□ Ɔsom Nhyiam:
10 min: Nkaebɔ. Ma wɔmfa nsɛm a yebetumi aka a ɛwɔ kratafa 4 no nyɛ sɛnea wɔde befi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ June mu no ho ɔyɛkyerɛ. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran na wɔmfa wɔn ho nhyem.
15 min: Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Ɔsom Sukuu nhoma no kratafa 33-38 so. Ma wɔnyɛ ɔyɛkyerɛ tiawa a ɔdawurubɔfo bi nkutoo rekasakasa. Ɔde nnwinnade ahorow reyɛ nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya asɛm a obi bisaa no wɔ asɛnka mu ho mmuae.
10 min: Siesie Wo Ho sɛ Wode Nsɛmma Nhoma Bɛma wɔ June Mu. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ. Fa simma biako anaa abien kyerɛ nsɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu. Afei paw emu nsɛm abien anaa abiɛsa na ma atiefo nkyerɛ nsɛm a wobebisa ne kyerɛw nsɛm a wɔbɛkenkan bere a wɔde rema no. Ma wɔnyɛ sɛnea wɔde nsɛmma nhoma no mu biara bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 113 ne Mpaebɔ